Bible adwene wɔ agyapade ho
Awurade adwene wɔ ahonyade ho
Minim amane a wuhu maa Awurade na minim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapade wɔ ɔsoro. Minim nsɛm a wɔn a wose wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ Yudafo no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam hyiadan. (Adiyisɛm 2:9)
Nnipa adwene wɔ agyapade ho
Nea ɔkɔm de no no di ne nnɔbae, na ɔfa fi nsɔe mu mpo, na nea osukɔm de no no pere di nʼahode akyi. (Hiob 5:5)
Ɔrenkɔ so nyɛ ɔdefo bio, na nʼahonya rennyina, na nʼagyapade so bɛtew na ayera wɔ asase so. (Hiob 15:29)
Ne mma bɛpata ahiafo; ɛsɛ sɛ nʼankasa de nʼahonya san ma. (Hiob 20:10)
Ɔbɛfe ahonyade a ɔmenee no; Onyankopɔn bɛma ne yafunu apuw agu. (Hiob 20:15)
Ɔbɛdan nea ɔbrɛ nyae no aba a ɔrenni bi; ɔremfa nʼaguadi mu mfaso nnye nʼani. Efisɛ ɔhyɛɛ ahiafo so ma wodii ohia buruburoo; ɔde ne nsa ato afi a ɛnyɛ ɔno na osii so. “Ampa ara ɔrennya ahomegye mfi nea wapere anya no mu; ɔrentumi mfa nʼademude nnye ne ho nkwa. (Hiob 20:18-20)
...sum kabii retwɛn nʼademude. Ogya a ɛnnɛw mu bɛhyew no, na asɛe nea aka wɔ ne ntamadan mu. (Hiob 20:26)
Nsuyiri bɛtwe ne fi akɔ, saa ara na asuworo bɛyɛ Onyankopɔn abufuwhyew da no. (Hiob 20:28)
Wodi yiye wɔn nkwanna mu na wɔkɔ ɔdae mu asomdwoe mu. (Hiob 21:13)
Nanso wɔn nkɔso no nni wɔn nsam, enti metwe me ho fi amumɔyɛfo afotu ho. (Hiob 21:16)
Sɛ wosan kɔ Otumfo no nkyɛn a obegye wo ato mu bio: sɛ wuyi amumɔyɛsɛm fi wo ntamadan mu na wotow wo sika mpɔw gu mfutuma mu ne Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abon mu no so a, ɛno de Otumfo bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ ɔbɛyɛ dwetɛ ankasa ama wo. (Hiob 22:23-25)
“Eyi ne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumɔyɛfo, agyapade a otirimɔdenfo nya fi Otumfo no nkyɛn: (Hiob 27:13)
Ɛwɔ mu sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfutuma na ɔboa ntama ano sɛ dɔte, nea ɔpɛ gu hɔ no, atreneefo na wobefura na pɛpɛyɛfo no nso akyekyɛ dwetɛ no. (Hiob 27:16-17)
Sɛ wɔyɛ osetie na wɔsom no a, wobedi yiye wɔ wɔn nna a aka no mu na wɔn mfe nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn. (Hiob 36:11)
Wʼahonya anaasɛ mpo wʼahohia bebrebe nyinaa nti, worenkɔ amanehunu mu ana? (Hiob 36:19)
Nimdeɛ, ɛyɛ ade pa sɛ agyapade ara pɛ, so wɔ mfaso ma wɔn a wohu owia. Sɛnea nimdeɛ yɛ bammɔ no, saa ara na sika nso te; nanso nhumu ho ade a eye ne sɛ: nea ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban. (Ɔsɛnkafo 7:11-12)
Sɛ yewu a, yɛmfa hwee nkɔ
Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnnhaw wo; na sɛ ne fi anigye yɛ bebree a, mma ɛnnhaw wo; efisɛ, sɛ owu a ɔremmfa hwee nkɔ, nʼanuonyam ne no renkɔ amoa mu. Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, efisɛ wɔkamfo nnipa bere a wodi yiye, nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, wɔn a wɔrenhu nkwa hann ara da no. Onipa a ɔwɔ ahonya na onni nhumu no te sɛ mmoa a wowu. (Nnwom 49:16-20)
Mahu bɔne kɛse wɔ owia yi ase: wɔde ahode sie de haw ne wuranom, anaasɛ ahode fa atoyerɛnkyɛm bi so hwere sɛ ɛbɛyɛ na wonya mma a wɔremmɛto hwee mfa. Adagyaw na onipa de fi ne na yafunu mu bae, na sɛnea ɔbae no, saa ara na ɔbɛkɔ. Ɔremfa nʼadwumayɛ so mfaso biara a obetumi akita wɔ ne nsa mu no nkɔ. (Ɔsɛnkafo 5:13-15)
Yɛamfa hwee amma wiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ. (1 Timoteo 6:7)
Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsuma bi kwa; ɔhaw ne ho nanso ɔyɛ kwa; ɔboa ahonya ano na onnim nea ɛbɛyɛ ne de. (Nnwom 39:6)
Wontumi ntɔ wo kra ho agyede
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro, bere a nna bɔne aba, bere a amumɔyɛfo nnaadaafo atwa me ho ahyia, wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya so na wɔde wɔn ade dodow hoahoa wɔn ho? Onipa biara rentumi nnye ne yɔnko nkwa na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn, nkwa ho mpata bo yɛ den, akatua biara renso, (Nnwom 49:5-8)
Ahonya nka hwee wɔ abufuwhyew da no, nanso trenee gye nkwa fi owu mu. (Mmebusɛm 11:4)
Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Dɛn na onipa betumi de asi ne kra anan mu? (Mateo 16:26)
Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a mfaso bɛn na obenya? Dɛn na ɛsom bo sen ne kra? (Marko 8:36-37)
Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, dɛn mfaso na obenya? (Luka 9:25)
Ahonyade de “nnamfo” pii ba
Ahiafo de, wɔn yɔnkonom mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ, nanso adefo wɔ nnamfonom bebree. (Mmebusɛm 14:20)
Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree; nanso ohiani adamfo gyaw no hɔ. (Mmebusɛm 19:4)
Ahonyade ntena hɔ daa
Mmiri wo mogya ani mpɛ sika; hu nyansa na tɔ wo bo ase. Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera, ampa ara ebefuw ntaban na atu akɔ wim sɛ ɔkɔre. (Mmebusɛm 23:4-5)
Gyidi nti na Mose nyin no, wampɛ sɛ wɔbɛfrɛ no Farao babea ba no. Na ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn mma behu amane sen sɛ obegye nʼani wɔ bɔne mu mmere tiaa bi. Osusuw sɛ, sɛ ohu amane ma Kristo a, eye sen agyapade a ɛwɔ Misraim nyinaa, efisɛ na nʼani da ade pa bi so daakye. (Hebrifo 11:24-26)
Ɔhaw ba sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ mo gyidi no yɛ kann. Sikakɔkɔɔ a wotumi sɛe no no mpo, wɔde ogya sɔ hwɛ, enti ɛsɛ sɛ wɔsɔ mo gyidi a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no hwɛ hu sɛ ebetumi agyina ana. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mubenya anuonyam. (1 Petro 1:7)
Efisɛ munim bo a wotua de gyee mo fii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ ade a ɛhwere ne bo a ɛsom te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no. (1 Petro 1:18)
Agyapade nyinaa yɛ kwa sɛ wode toto Yesu a wuhu no ho a
Nanso nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfaso nyinaa no, esiane Kristo nti, ayɛ adehwere. Ɛnyɛ ɛno nko, na migye di nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne nti matow biribiara akyene. Mefa ne nyinaa sɛ nneɛma hunu bi, sɛnea ɛbɛyɛ a me nsa bɛka Kristo, (Filipifo 3:7-8)
Ahonyade nni nnyinaso
Bɔ wiase yi mu ahonyafo kɔkɔ se wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidaso nso nhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɔnam nʼadɔe so maa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. (1 Timoteo 6:17)
Ahonyade nni mfaso a Awurade nka ho
Mede me nsa hyɛɛ nnwuma akɛse ase; misisii adan yɛɛ bobe nturo. Meyɛɛ nturo ne ahomegyebea na miduaduaa nnuaba ahorow bebree wɔ mu. Misisii nsukorae a mɛtwe nsu afi mu, de agugu nnua a ɛrenyin no so. Metɔɔ nkoa ne mfenaa, na minyaa ebinom nso a wɔwoo wɔn wɔ me fi. Afei nso, minyaa anantwi ne nguan bebree sen obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Mepɛɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, gyigyee ahemfo ne amantam no ademude kaa ho. Mefaa mmarima ne mmea nnwontofo, pɛɛ mmea atenae nso; nea ɛyɛ ɔbarima koma anigyede biara. Migyee din sen obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Eyinom nyinaa mu no me nimdeɛ kɔɔ so yɛɛ adwuma. Nea mʼani hwehwɛe biara mamfa ankame no; mansiw me koma anigye ho kwan. Me koma ani gyee me nnwuma nyinaa ho, na eyi yɛ mʼadwumayɛ so akatua. Nanso sɛ mehwɛ nea me nsa ayɛ nyinaa ne nea mabrɛ anya a, ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea wotu mmirika taa mframa mannya mfaso biara wɔ owia yi ase. (Ɔsɛnkafo 2:4-11)
Nneɛma a ɛsom bo sen ahonyade
Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ ankasa ntɔ, na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne bo. Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔ apopobibiribo anaa hoabo nso saa ara. Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho, na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinne nsesa. Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahene panyin ne ahwehwɛbo din; nyansa bo sen nhene pa. Etiopia akraatebo ne no nsɛ; wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronkron ntɔ. (Hiob 28:15-19)
Kakra a atreneefo wɔ no som bo sen amumɔyɛfo bebree ahonya; (Nnwom 37:16)
Mʼani gye sɛ midi wʼahyɛde so, sɛnea obi ani gye ahonya bebree ho no. (Nnwom 119:14)
Mmara a efi wʼanom no som bo ma me sen dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpem mpem. (Nnwom 119:72)
Esiane sɛ medɔ wo mmara nsɛm sen sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ ankasa, (Nnwom 119:127)
Nhyira nka onipa a ohu nyansa, onipa a onya ntease, efisɛ, nimdeɛ so mfaso sen dwetɛ, na nea efi mu ba sen sikakɔkɔɔ. Ne bo yɛ den sen bota; na worentumi mfa wʼapɛde biara ntoto no ho. Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu; ahonyade ne anuonyam wɔ ne nsa benkum mu. (Mmebusɛm 3:13-16)
Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ, momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ ankasa. Efisɛ nimdeɛ som bo sen bota, na worentumi mfa nea wopɛ biara ntoto no ho. (Mmebusɛm 8:10-11)
Ahonyade ne anuonyam wɔ me nkyɛn, ahode a ɛkyɛ ne yiyedi nso saa ara. Mʼaba ye sen sikakɔkɔɔ ankasa; nea efi me mu boro dwetɛ a wɔasɔn so so. Trenee akwan so na menam, atɛntrenee akwan so, mede ahode ma wɔn a wɔdɔ me na mehyɛ wɔn adekoradan amaama. (Mmebusɛm 8:18-21)
Ketewa bi a yenya a Awurade suro ka ho no ye sen ahonyade bebree a ɔhaw bata ho. (Mmebusɛm 15:16)
Kakraa bi a wɔnam trenee kwan so nya no ye sen mfaso pii a wɔnam ntɛnkyew so nya. (Mmebusɛm 16:8)
Eye sɛ wubenya nyansa sen sɛ wubenya sikakɔkɔɔ, sɛ wubenya nhumu sen sɛ wubenya dwetɛ! (Mmebusɛm 16:16)
Eye sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu sen sɛ wo ne ahantanfo bɛkyɛ asade. (Mmebusɛm 16:19)
Ohiani a ne nantew ho nni asɛm no ye sen ɔkwasea a nʼasɛm mfa kwan mu. (Mmebusɛm 19:1)
Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhene pa nso abu so, na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ na. (Mmebusɛm 20:15)
Din pa ye sen ahonya bebrebe; sɛ wobedi wo ni ye sen dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ. (Mmebusɛm 22:1)
Ohiani a ne nantew ho nni asɛm ye sen ɔdefo a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye. (Mmebusɛm 28:6)
Wɔn a wɔde pii ama wɔn no, wobehwehwɛ pii afi wɔn hɔ
Na ɔsomfo a onnim nea ne wura pɛ na enti ɔyɛɛ nea ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wobebisa pii afi ne nkyɛn; na nea wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, obebu bebree ho akontaa.” (Luka 12:48)
Ahonyade ho nhyira
Wɔde nkɔso bɛtua treneefo ka
Ɔhaw di ɔbɔnefo akyi, na nkɔso yɛ ɔtreneeni akatua. (Mmebusɛm 13:21)
Ahonya bebree wɔ ɔtreneeni fi, nanso amumɔyɛfo adenya de ɔhaw brɛ wɔn. (Mmebusɛm 15:6)
Ahonyade ma onipa a odwennwen Onyankopɔn asɛm ho
Nhyira ne onipa a ontie amumɔyɛfo afotu na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi na ɔntena fɛwdifo tenabea. Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani, na osusuw ho awia ne anadwo. Ɔte sɛ dua a wɔatɛw wɔ asuten ho, na ɛsow nʼaba ne bere mu a nʼahaban no nguan da. Nea ɔyɛ biara yɛ yiye. (Nnwom 1:1-3)
Wɔn a wɔyɛ yiye bɛsom Awurade
Asase so adefo nyinaa bedidi na wɔasɔre no; wɔn a wɔkɔ dɔte mu nyinaa bebu nkotodwe nʼanim, wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu. (Nnwom 22:29)
Mpaebɔ ma nkɔso
...na manya wɔn a wapaw wɔn no yiyedi mu kyɛfa, na manya wo manfo anigye no mu kyɛfa, na me ne wʼagyapade no abɔ mu de nkamfo ama wo. (Nnwom 106:5)
Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se, “Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ. Ma asomdwoe mmra wʼafasu mu na bammɔ mmra wʼaban mu.” (Nnwom 122:6-7)
Awurade nhyira wo mfi Sion na ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ; wo nkwanna nyinaa. (Nnwom 128:5)
Mʼadamfo pa, mebɔ mpae sɛ biribiara nkɔ so yiye mma wo, na nya ahoɔden sɛnea minim sɛ wowɔ ahoɔden wɔ honhom fa mu no. (3 Yohane 2)
Adefo a wosuro Nyankopɔn
Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapade ne nʼasomfo a onyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, sii mu kɔɔ Kanaan asase so. (1 Mose 12:5)
Saa bere no na Abram anya ne ho a ɔwɔ nyɛmmoa, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii. (1 Mose 13:2)
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Gye di sɛ wʼasefo bɛyɛ ahɔho wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahannan. Nanso mɛtwe saa ɔman a wʼasefo bɛsom wɔn no aso, na ɛno akyi no, wobefi ɔman a wɔsom mu no mu aba sɛ adefo. (1 Mose 15:13-14)
Na Abraham anyin a ne mfe akɔ anim yiye. Awurade hyiraa no wɔ akwan ahorow nyinaa so. (1 Mose 24:1)
Na Rebeka no yɛ ɔbabun a ne ho yɛ fɛ yiye. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Osian kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsu ma, san bae. (1 Mose 24:16)
Awurade ahyira me wura bebree, ama wayɛ ɔdefo. Wama no nguan ne anantwi, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa ne yoma ne mfurum. (1 Mose 24:35)
Saa afe no ara Isak dɔw afuw. Na Awurade hyiraa nʼadwumade so. Ne nnɔbae baa bebree. Isak yɛɛ ɔdefo. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso ma odii taamu. Onyaa nguan, anantwi, ne asomfo bebree ma ɛyɛɛ saa ma Filistifo no ani beree no yiye. Saa anibere yi nti, Filistifo no de dɔte kosisiw (1 Mose 26:12-14)
Ɛnam eyi so maa Yakob nyaa ne ho tam. Onyaa mmoa, mfenaa, nkoa, yoma ne mfurum bebree. (1 Mose 30:43)
Mesrɛ wo, gye mʼakyɛde a mede rebrɛ wo yi, efisɛ Awurade adom me ama mayɛ ɔdefo.” Esiane sɛ Yakob kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ onnye nʼakyɛde no nti, Esau gyei. (1 Mose 33:11)
Na Farao worɔw ne nsɔwano kaa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde sirikyi batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no. (1 Mose 41:42)
Monka anuonyam a Onyame adom nti, wɔahyɛ me wɔ Misraim asase so ne biribiara a mo ankasa mode mo ani abehu no nyinaa ho asɛm nkyerɛ mʼagya. Monkɔfa mʼagya nsian mmrɛ me ntɛm.” (1 Mose 45:13)
Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapade a wɔanya wɔ Kanaan asase so no nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefo nyinaa sii mu kɔɔ Misraim. (1 Mose 46:6)
Israelfo no bɔɔ atenase wɔ Gosen mansin a ɛwɔ Misraim asase so no so. Wonyaa agyapade wɔ hɔ, na wɔn ase nso fɛee yiye. (1 Mose 47:27)
...kae se, “Agyapade bebrebe a moanya afi mo atamfo nkyɛn no, mo ne mo abusuafo a wɔwɔ fie no nkyɛ. Anantwi dodow ne nguan bebrebe no, mo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, mo kɔbere mfrafrae, dade ne adurade no nyinaa, mo ne wɔn nkyɛ.” (Yosua 22:8)
Ɔbarima ɔdefo a na ɔyɛ okunini bi tenaa Betlehem a na wɔfrɛ no Boas. Na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani. (Rut 2:1)
“Israel mmabea, munsu Saulo, efisɛ ofuraa mo ntama pa, hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agude. (2 Samuel 1:24)
Bere a Sebahemmea huu sɛnea Salomo adwene mu dɔ, ne ahemfi a wasi no, Na minnye nni kosii sɛ mibeduu ha a mʼankasa mede mʼani abehu yi. Nokware, sɛɛ na mante asɛm no mu fa mpo. Wo nyansa ne wo nkɔso no boro nea wɔka kyerɛɛ me no so koraa. (1 Ahemfo 10:4, 7)
Enti Awurade buae se, “Esiane sɛ woabisa nyansa a wode bedi me manfo so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa sɛ wo tamfo bi nwu no nti, mede nea woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne ntease a obiara nnyaa bi da, na obiara nso renya bi da. Na nea woammisa no nso, mede bɛka wo ho—sika ne anuonyam. Na ɔhene biara a ɔwɔ wiase nso rentumi mfa ne ho nto wo ho, wo nkwa nna nyinaa mu. (1 Ahemfo 3:11-13)
Na Salomo tenaa Awurade ahengua no so sɛ nʼagya Dawid nanmusini, na ɔkɔɔ so yiye, na Israel nyinaa tiee no. (1 Beresosɛm 29:23)
Ɔtenaa ase kyɛe, nyinii yiye, nyaa ahode ne anuonyam ansa na ɔrewu. Na ne babarima Salomo dii nʼade sɛ ɔhene. (1 Beresosɛm 29:28)
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo se, “Esiane sɛ wʼahiasɛm kɛse ne sɛ wopɛ sɛ woboa wo manfo, na woammisa ahode, anuonyam anaa wʼatamfo wu anaa nkwa tenten, na mmom, wubisaa nyansa ne nimdeɛ a wode bedi me nkurɔfo so yiye nti, mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wubisae no. Afei, mɛma wo sika, ahode ne anuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da.” (2 Beresosɛm 1:11-12)
Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa. (2 Beresosɛm 9:22)
Enti Awurade maa Yehosafat Yudaman so ahenni no timii. Nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa brɛɛ Yehosafat akyɛde, ma ɔyɛɛ ɔdefo, na wɔde nidi maa no. (2 Beresosɛm 17:5)
Filistifo no bi brɛɛ no akyɛde ne dwetɛ sɛ sonkahiri, na Arabfo brɛɛ no adwennini mpem ason ne ahanson ne mpapo mpem ason ne ahanson. Ɛmaa Yehosafat tumi mu yɛɛ den, na ɛkɔɔ so yɛɛ den ara ma osisii aban ne nnuan adekoradan wɔ Yuda nkuropɔn nyinaa so. (2 Beresosɛm 17:11-12)
Yehosafat yɛɛ ɔdefo a na nʼanuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babea. (2 Beresosɛm 18:1)
Hesekia nyaa ne ho, na wobuu no yiye. Osisii adekoradan sononko bi a ɔkoraa ne dwetɛ, sikakɔkɔɔ, aboɔden abo, nnuhuam, ne nkatabo ne ne nneɛma a ɛsom bo pii no wɔ mu. Ɔsan sisii adekoradan de nʼatoko, ne nsa ne ne ngo guu mu; osisii buw bebree maa nʼanantwi ne ne nguan ne ne mmirekyi. Ɔkyekyeree nkurow pii, pɛɛ nguan ne anantwi bebree, efisɛ na Onyankopɔn ama no ahonya bebree. Osiw asuti a na ɛwɔ Gihon atifi fam no, na ɔde nsu no faa ɔdorobɛn mu kɔɔ Dawid kuropɔn no atɔe fam. Na biribiara a ɔyɛe no nso, ɛyɛɛ yiye. (2 Beresosɛm 32:27-30)
Yɛn agyanom faa nkurow a wɔabɔ ho ban ne nsasebere no. Wɔfaa afi a nnepa wɔ mu ne asuten a wɔatutu dedaw no ne bobeturo ne ngofuw ne nnuabafuw no bebree. Enti wodidii ara kosii sɛ wɔdodɔ yɛɛ akɛse, na wɔn ani gyee wɔn ho wɔ wo nhyira mu. (Nehemia 9:25)
...na ɔwɔ nguan mpem ason, yoma mpem abiɛsa, anantwi mpamho ahannum ne mfurumbere ahannum, na ɔwɔ asomfo bebree. Na ɔyɛ onipa kɛse pa ara wɔ nnipa a wɔwɔ Apuei fam nyinaa no mu. (Hiob 1:3)
Afei, Ɔhene Nebukadnessar maa Sadrak, Mesak ne Abednego dibea a ɛkorɔn yiye wɔ Babiloniaman mu. (Daniel 3:30)
Eduu anwummere no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani no, (Mateo 27:57)
Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dedaw! Moyɛ adefo dedaw. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokware, anka mepɛ sɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho. Ebesi saa bere yi mu ɔkɔm ne osukɔm de yɛn. Yefura ntamagow; wɔhwe yɛn; yedi atutena; yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yehyira; wɔhwe yɛn a yegyina ano. (1 Korintofo 4:8, 11-12)
Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me efisɛ me suahu nti, tebea biara a mekɔ mu no nhaw me. Minim ohia, nim ahonya; masua saa ahintasɛm yi, enti baabiara ne bere biara, sɛ ɔkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakraa bi no, mepɛ no saa ara. Ahoɔden a Kristo de ma me no nti mitumi gyina tebea biara ano. Eye sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu. Mo Filipifo no ankasa nim pefee sɛ bere a mifii Makedonia a na merefi Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara ne asafo a mo ne me kyɛɛ mo ahonyade. Mewɔ Tesalonika no, bere biara a biribi ho behia me no, mode brɛ me. Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ na na mepɛ sɛ minya akyɛde na mmom, nhyira a mubenya wɔ mu na na mepɛ sɛ mihu. Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛde no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Eyinom te sɛ afɔre huamhuam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ogye, na nʼani sɔ no. (Filipifo 4:11-18)
Awurade ani gye ne nkoa nkɔso ho
Ma wɔn a wodi ahurusi wɔ me bembu ho no mfa anigye ne ahosɛpɛw nteɛ mu bere nyinaa mu; ma wɔnka se, “Momma Awurade so, ɔno na nʼani gye ne somfo yiyedi ho.” (Nnwom 35:27)
Ɛnyɛ obiara na ɔbɛyɛ yiye
Woguu afoforo anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase. Wosiw ebinom abo. Wɔde sradaa paee ebinom mu abien, de afoa kum bi. Wokyinkyin sɛ nnipa a nguan ne mmirekyi nwoma kata wɔn ho. Wɔyɛɛ mmɔbɔ. Wɔn ho hiaa wɔn na wohuu amane. Wiase yi annye amma wɔn. Wokyinkyin sɛ atutenafo wɔ sare ne mmepɔw so, abodan ne asase so abon mu. Wodii eyinom nyinaa ho adanse pa wɔ wɔn gyidi ho, nanso wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no, efisɛ Onyankopɔn wɔ tirimupɔw papa bi ma yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne wɔn nyinaa bɛbɔ mu anya bɔhyɛ no. (Hebrifo 11:36-40)
Yesu fata sɛ ɔnya ahonyade
...reto dwom dennen se, “Oguamma a wokum no no fata sɛ ogye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nkamfo!” (Adiyisɛm 5:12)
Anyansafo betumi anya ahonyade
Anyansafo ahonya ne wɔn abotiri, na nkwaseafo agyimisɛm sow gyimi aba. (Mmebusɛm 14:24)
Sɛnea wonya ahonyade
Wɔde nyansa na esi fi, na nhumu mu na wɔma etim; ɛnam nimdeɛ so na wonya ademude a ɛho yɛ na na ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu. (Mmebusɛm 24:3-4)
Nneɛma a esiw nnipa kwan wɔ ahonyade ho
Nea odi ahosɛpɛw akyi no bɛyɛ ohiani; nea ɔpɛ nsa ne ngo no rennya ne ho da. (Mmebusɛm 21:17)
Obi besisi ohiani de apɛ ahonya, anaa ɔbɛkyɛ ɔdefo ade, ne nyinaa de no kɔ ohia mu. (Mmebusɛm 22:16)
Ahonyade mu asiane
Ahonyade dɔ
Mommfa mo ho nto asisi so na monnhoahoa mo ho akorɔnne ho; ɛwɔ mu sɛ mo ahonya dɔɔso de, nanso mommfa mo koma nto so. (Nnwom 62:10)
Ahantan
Wonam wo nyansa ne nhumu so anya ahode ama wo ho, woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree agu wʼadekoradan mu. Wonam wʼaguadi mu nyansa so ama wʼahonya adɔɔso, na wʼahonya nti woahoran wɔ wo koma mu. (Hesekiel 28:4-5)
Bɔ wiase yi mu ahonyafo kɔkɔ se wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidaso nso nhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɔnam nʼadɔe so maa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. (1 Timoteo 6:17)
Ɛnsɛ sɛ adefo yɛ ahantan efisɛ nkwa yɛ tiaa
Sɛ Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ sɛ nʼani gye, na adefo a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Efisɛ, adefo no twam kɔ sɛ wuram afifide bi. Owia pue de ne hyew no hyew afifide no ma nʼahoɔfɛ sɛe. Saa ara na wɔbɛsɛe adefo no wɔ bere a wogu so redi wɔn nnwuma no. (Yakobo 1:9-11)
Hoahoa wo ho wɔ Awurade mu, ɛnyɛ ahonyade mu
Eyi ne nea Awurade se: “Mma onyansafo mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho anaa ɔhoɔdenfo mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho anaa ɔdefo mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho. Mmom ma nea ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ ɔwɔ nhumu, na onim sɛ, me ne Awurade a ɔyɛ adɔe, na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so, efisɛ eyinom na ɛsɔ mʼani,” sɛnea Awurade se ni. (Yeremia 9:23-24)
Ahonyade ma onipa te nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ
Adefo ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban, nanso ahiafo hia yɛ wɔn asehwe. (Mmebusɛm 10:15)
Adefo ahonyade ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔfa no sɛ ɔfasu tenten a wontumi mforo. (Mmebusɛm 18:11)
Metee nka sɛ mewɔ bammɔ no, mekae se, “Merenhinhim da.” Awurade, woyɛɛ me adom no womaa me bepɔw gyinaa pintinn na wode wʼanim hintaw me no, me koma tui. (Nnwom 30:6-7)
Wɔn a wɔde wɔn ho to ahonyade so
Obiara nim pefee sɛ anyansafo wu; saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu, na wogyaw wɔn ahonya hɔ ma afoforo. Wɔn nna bɛyɛ wɔn afi afebɔɔ, wɔn atenae wɔ awo ntoatoaso bere a enni awiei mu, ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn din atoto nsase so. Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; ɔte sɛ mmoa a wowu no ara. (Nnwom 49:10-12)
Ahonyade taa tew nnipa mu
Na Lot a ɔne Abram nam no nso yɛ ɔdefo a ɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo bebree. Esiane sɛ saa bere no na Abram ne Lot nyinaa anya wɔn ho, na wɔwɔ nguan, anantwi ne asomfo pii nti, na wɔnsen asase no so. Na akasakasa taa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo no ntam. Saa bere no na Kanaanfo ne Perisifo nso tete asase no so. Enti Abram ka kyerɛɛ Lot se, “Mesrɛ wo, mma akasakasa mma me ne wo anaa me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom. Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yenni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.” Lot hwɛɛ ne ho hyiae, huu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebere. Na nsu wɔ mu baabiara te sɛ Eden turo mu anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa bere no, na Awurade nnya nsɛee Sodom ne Gomora ɛ. Na Lot de nʼani kyerɛɛ apuei fam, faa asase a ɛda Yordan ho no. Eyi ne ɔkwan a Abram ne Lot faa so dii ntetewmu no. (1 Mose 13:5-11)
Saa afe no ara Isak dɔw afuw. Na Awurade hyiraa nʼadwumade so. Ne nnɔbae baa bebree. Isak yɛɛ ɔdefo. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso ma odii taamu. Onyaa nguan, anantwi, ne asomfo bebree ma ɛyɛɛ saa ma Filistifo no ani beree no yiye. Saa anibere yi nti, Filistifo no de dɔte kosisiw abura ahorow a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu wɔ ne bere so no nyinaa ano. Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak se, “Tu fi yɛn asase so, efisɛ wʼahonya dodow no aka yɛn ahyɛ.” (1 Mose 26:12-16)
Esau faa ne yerenom, ne mmabarima, ne mmabea, ne fifo nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapade biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu fii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so wɔ akyirikyiri. Efisɛ na wɔn ahonyade no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob betumi atena faako. Na wɔn mmoa dodow nti, wɔn baanu no nsen asase a wɔte so no so. (1 Mose 36:6-7)
Nnome nka mo a mode ofi ka ofi ho na mugyigye mfuw bobɔ so kosi sɛ asase no bɛsa na ɛka mo nko ara wɔ asase no so. (Yesaia 5:8)
Ahonyade betumi atew Kristofo mu
Nea edi kan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asi wɔ mo nhyiamu mu na migye di sɛ nokware kakra wɔ mu. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nokware bɛda adi. Sɛ muhyia sɛ kuw a, munnhyia sɛ moreyɛ Awurade Adidi efisɛ mugu so redidi no, obiara di nʼaduan. Ɛno nti bere a ɔkɔm de obi no na ɔfoforo nso abow nsa. Mo ara munni afi a mudidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mugu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a ade ahia wɔn no anim ase ana? Dɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo ana? Ɛsɛ sɛ muhu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo! (1 Korintofo 11:18-22)
Ahonyade daadaa nnipa/ebetumi asiw aba sow kwan
Omumɔyɛfo nya akatua a ennyina, nanso nea ogu trenee aba no twa aba a edi mu. (Mmebusɛm 11:18)
Ogu so regu no, aba no bi guu ɔkwan mu maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa. Bi nso koguu ɔbotan so. Ankyɛ na aba no fifii. Aba no bi nso guu nsɔe mu, na nsɔe no nyin no emiaa no. Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wotie asɛm no, nanso wiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapade ho dadwen nti ɛmma asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma. (Mateo 13:4-5, 7, 22)
Na sɛnea ɔyɛ daa no, ɔnam mmebu so kyerɛɛ wɔn nneɛma bebree se: “Muntie! Okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogu so regu aba no, Aba no bi nso guu nsɔe mu maa nsɔe no kyekyeree no nti antumi ansow aba. Aba a eguu nsɔe mu no nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte asɛmpa no, nanso ɛnkyɛ koraa na wiase yi mu afɛfɛde ne ahonyade ne ɔbra yi mu dadwen, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn koma mu. Eyi nti asɛm no ntumi nsow aba biara. (Marko 4:2-3, 7, 18-19)
Aba no bi nso koguu nsɔe mu. Efifii no, nsɔe no kyekyeree no na ewui. Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wodi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne wiase afɛfɛde nti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛnea ɛsɛ. (Luka 8:7, 14)
Ɛyɛ den sɛ ɔdefo bɛkɔ Ahenni no mu
Ɛno mu na ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɔkyerɛkyerɛfo, ade pa bɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?” Yesu buaa no se, “Adɛn nti na wubisa me nea ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako pɛ na ɔyɛ papa. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu de a, di mmara nsɛm no so.” Aberante no nso bisaa no se, “Mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he?” Yesu buaa no se, “Nni awu. Nsɛe aware. Mmɔ korɔn. Nni atoro. Di wʼagya ne wo na ni, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” Aberante no nso kae se, “Midi eyinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei menyɛ dɛn?” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wubenya afi mu no ma ahiafo. Ɛno ansa na wubenya ademude wɔ ɔsoro. Afei bedi mʼakyi.” Esiane sɛ na saa aberante yi wɔ ahonyade bebree nti, ɔtee saa nsɛm no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhow fii hɔ kɔe. Afei Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Meka mo nokware se ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahenni no mu. Meka ti mu se, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bewura pane aniwa mu sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu!” Asuafo no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa. Wobisae se, “Na ɛno de, hena na wiase mu ha wobegye no nkwa?” Yesu hwɛɛ wɔn buae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.” (Mateo 19:16-26)
Na osii mu sɛ ɔrekɔ baabi foforo no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?” Yesu bisaa no se “Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wunim mmaransɛm no: ‘Mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di wʼagya ne wo na ni!’ ” Aberante no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, eyinom nyinaa mifi me mmofraase na midii so.” Yesu hwɛɛ aberante yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no se, “Aka wo ade baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi mʼakyi.” Aberante no tee saa asɛm no nʼanim sesae, na ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ ahonyade bebree. Ɔrekɔ no, Yesu hwɛɛ no na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu!” Asɛm a Yesu kaa no maa asuafo no ho dwiriw wɔn. Yesu san kaa bio se, “Me mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu? Na ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa pane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.” Asuafo no ho dwiriw wɔn mmoroso na wobisaa no se, “Ɛno de, na hena na wobegye no nkwa?” Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.” (Marko 10:17-27)
Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Yagyaw nea yɛwɔ nyinaa hɔ abedi wʼakyi.” Yesu buaa Petro se, “Merema mo ate ase sɛ, obiara nni hɔ a, esiane Onyankopɔn ahenni no nti, wagyaw ne fi anaa ne nuanom anaa nʼawofo anaa ne mma na ɔrennya mma ɛmmoro nea wahwere no so saa bere yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a enni awiei.” (Luka 18:28-30)
Adefo a wonnim Awurade no bɛtew afi ne ho daa
Yesu toaa so kae se, “Ɔdefo bi tenaa ase a na daa ofura ntama pa na ogye nʼani yiye nso. Na ɔbarima hiani bi a akuru atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼabobow ano. Ɔbarima yi kɔn dɔɔ sɛ anka obenya aduan a ɔdefo no adi ama aka no bi adi. Saa bere koro no ara mu na akraman ba faako a na ohiani no da hɔ no bɛtaforo nʼakuru no mu. “Ohiani no wu maa abɔfo bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefo no nso wu ma wosiee no. Ɔdefo no wɔ asaman a ne ho yeraw no no, ɔmaa nʼani so huu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn. Ɔdefo no teɛɛ mu se, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo hu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsu mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so na me ho yeraw me.’ “Abraham buaa no se, ‘Me ba, kae sɛ wote wiase no wudii dɛ na Lasaro dii yaw, nanso afei na ɔredi dɛ na wo nso woredi yaw. (Luka 16:19-25)
Adefo susuw sɛ wɔyɛ anyansafo
Ɔdefo tumi yɛ onyansafo wɔ nʼankasa ani so, nanso ohiani a ɔwɔ nhumu no hu sɛnea ɔte. (Mmebusɛm 28:11)
Sɛnea adefo ne ahiafo di
Ohiani srɛ ahummɔbɔ, nanso ɔdefo de kasaden bua no. (Mmebusɛm 18:23)
Adefo di ahiafo so, na boseagyefo yɛ nea ɔde fɛm somfo. (Mmebusɛm 22:7)
Nanso moammu ahiafo! Ɛhefo na wodi mo nya twe mo kɔ atemmufo anim? Adefo! Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no. (Yakobo 2:6-7)
Ahonyade betumi ama nnipa werɛ afi Awurade
Awurade mo Nyankopɔn de mo ba asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no, asase a nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyeree ahyɛ so ma no so, afi a nneɛma pa ahorow a ɛnyɛ mo na moyɛe ahyɛ no ma, mmura a ɛnyɛ mo na mututui, bobeturo a ɛnyɛ mo na moyɛe ne ngonnua a ɛnyɛ mo na muduae no so. Sɛ mudidi mee wɔ saa asase yi so a, monhwɛ yiye na mo werɛ amfi Awurade a ogyee mo fii nkoasom mu wɔ Misraim asase so no. (5 Mose 6:10-12)
Ɛyɛ asase a aduan abu wɔ so a wonni biribiara ho hia wɔ so; asase a ɛso abo yɛ adaban na wobetumi atu kɔbere wɔ ne mmepɔw mu. Sɛ mudidi mee a, munhyira Awurade, mo Nyankopɔn, wɔ asase pa a ɔde ama mo no nti. Na monhwɛ yiye na mo werɛ amfi Awurade, mo Nyankopɔn, sɛ morenni ne mmara ne nʼahyɛde a merehyɛ mo nnɛ yi so. Anyɛ saa na sɛ mudidi na momee na musisi mo afi afɛfɛ, na mokɔtenatena mu na mo anantwi ne nguan ase dɔ, na munya dwetɛ ne sika pii, na mo agyapade nyinaa dɔɔso a, saa bere no na ɛsɛ sɛ mohwɛ yiye. Monnyɛ ahomaso na mommma mo werɛ mmfi Awurade mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim nkoasom asase so no. Ɔno na odii mo anim yii mo fii sare a na ɛso yɛ hu, asase sakoo a osukɔm wɔ so, na awɔ ne nkekantwɛre a wɔn ano wɔ bɔre wɔ so no so. Ɔmaa mo nsu fi ɔbotan mu. Ɔmaa mo mana aduan a mo agyanom nnim dii wɔ sare so. Ɔyɛɛ eyi de brɛɛ mo ase, de sɔɔ mo hwɛe na wama awiei no asi mo yiye. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnsɛ sɛ modwene sɛ mo ahonya no fi mo ankasa mo ahoɔden mu. Daa monkae sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, a ɔma mo tumi ma moyɛ adefo no, ɔyɛ saa de di apam a ɔne mo agyanom hyɛe no so. (5 Mose 8:9-18)
Mede wɔn bɛba asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so sɛnea mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Na wodidi mee yɛ akɛse a, afei, wɔbɛdan wɔn ani akɔsom anyame afoforo apo me, nam so abu mʼapam no so. (5 Mose 31:20)
“Awurade, nneɛma abien na mehwehwɛ afi wo nkyɛn; mfa nkame me ansa na mawu: ma me ne atoro ne nnaadaasɛm ntam nware koraa; mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefo; nanso ma me me daa aduan nkutoo. Anyɛ saa a, ebia minya me ho pii a ɛbɛma mapa wo na maka se, ‘Hena ne Awurade?’ Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔn, na ama magu me Nyankopɔn din ho fi. (Mmebusɛm 30:7-9)
Mebɔɔ wo kɔkɔ, bere a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo no, nanso wokae se, ‘Merentie!’ Eyi ne ɔkwan a wonam so fi wo mmerantebere mu; woanyɛ osetie amma me. Mframa bɛbɔ wo nguanhwɛfo nyinaa akɔ, na wʼapamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu. Afei wʼani bewu na wʼanim agu ase esiane wʼamumɔyɛ nyinaa nti. (Yeremia 22:21-22)
Woka se, ‘meyɛ ɔdefo na manya me ho na mewɔ nea ehia me nyinaa.’ Nanso, wunnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagyaw, na wʼani afura. Enti mitu wo fo sɛ tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ ankasa, fi me nkyɛn, sɛnea ɛbɛma woayɛ ɔdefo. Afei, tɔ ntade fitaa hyɛ na fa kata wʼanimguase adagyaw no so. Afei tɔ aduru gu wʼani so, sɛnea wubehu ade. (Adiyisɛm 3:17-18)
Ahonyade de anibere ba
Saa afe no ara Isak dɔw afuw. Na Awurade hyiraa nʼadwumade so. Ne nnɔbae baa bebree. Isak yɛɛ ɔdefo. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso ma odii taamu. Onyaa nguan, anantwi, ne asomfo bebree ma ɛyɛɛ saa ma Filistifo no ani beree no yiye. Saa anibere yi nti, Filistifo no de dɔte kosisiw (1 Mose 26:12-14)
Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak se, “Tu fi yɛn asase so, efisɛ wʼahonya dodow no aka yɛn ahyɛ.” (1 Mose 26:16)
Yakob tee sɛ Laban mmabarima no reka se, “Yakob afa yɛn agya ho nneɛma nyinaa. Nʼahonya nyinaa fi yɛn agya nneɛma a wafa no.” (1 Mose 31:1)
Ahonyade ho nnome
Korɔnbɔ ho nnome
Obi ahonya betumi agye no nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara. (Mmebusɛm 13:8)
Nna a wonnya ho nnome
Ɔpaani da ma nʼani kum, sɛ wadidi amee, anaasɛ wammee, nanso ɔdefo ahonya dodow nti ontumi nna. (Ɔsɛnkafo 5:12)
Due a wɔbɔɔ adefo
“Na mo adefo de, munnue efisɛ nea ɛma mo ani gye no, mo nsa aka dedaw; eyi nti munni kyɛfa biara bio. (Luka 6:24)
Afei mo adefo nso muntie! Munsu na muntwa agyaadwo wɔ amanehunu a ɛreba mo so no ho. Mo ahonya no aporɔw na nwewee awe mo ntama. Mo sika ne mo dwetɛ agye nkannare na saa nkannare no bedi adanse atia mo, na ahyew mo honam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapade wɔ nna a edi akyiri no mu. Muntuaa nnipa a wɔyɛɛ adwuma wɔ mo mfuw mu no ka enti wɔresi apini. Na wɔn apinisi no adu Onyankopɔn, Asafo Awurade no aso mu. Mo asetena wɔ asase so ha yɛ afɛfɛde ne anigye. Moadɔ srade ama okum da. (Yakobo 5:1-5)
Adɛn nti na abɔnefo yɛ yiye?
Ɔde nea ne koma hwehwɛ hoahoa ne ho; ohyira odifudepɛfo na oyi Awurade ahi. Ahantan nti omumɔyɛfo nhwehwɛ Awurade; ne nsusuwii mu no Onyankopɔn nsi hwee. Nʼakwan nyinaa mu odi yiye; ɔma ne ho so, na wo mmara mfa no ho; na odi nʼatamfo nyinaa ho fɛw. (Nnwom 10:3-5)
Dawid dwom. Nhaw wo ho, nnebɔneyɛfo nti; mma wʼani mmmere wɔn a wɔyɛ bɔne; Wɔte sɛ sare, ɛrenkyɛ na ahyew, wɔte sɛ dua amono, ɛrenkyɛ na awu. Yɛ komm wɔ Awurade anim na tɔ wo bo ase twɛn no, nhaw wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yiye ho efisɛ wɔnam bɔne akwan so. Wobetwa nnebɔneyɛfo agu, nanso wɔn a wɔn ani da Awurade so no wobenya asase no adi so. Ɛrenkyɛ, nnebɔneyɛfo bɛyera. Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhu wɔn. Nanso ahobrɛasefo benya asase no adi so na wɔanya asomdwoe mmoroso. (Nnwom 37:1-2, 7, 9-11)
Asaf dwom. Ampa ara Onyankopɔn ye ma Israel, oye ma wɔn a wɔn koma mu tew. Nanso me de, anka me nan reyɛ awatiri; anka merehwere me nnyinaso, efisɛ mʼani beree ahantanfo bere a mihuu amumɔyɛfo yiyedi no. Wonni aperepere; na wɔwɔ ahoɔden ne apɔwmuden. Dadwen a ɛtaa ba nnipa so biara nna wɔn so; ɔdesani haw biara nna wɔn so. Enti ahantan yɛ wɔn kɔnmuade, na wofura akakabensɛm. Wɔn koma a apirim no mu na nnebɔne fi; na wɔn amumɔyɛ adwene nni awiei. Wɔserew afoforo na wɔka wɔn ho nsɛm a enye; wɔde nhyɛso hunahuna afoforo wɔ ahomaso mu. Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm, na wɔn tɛkrɛma agye asase afa. Ɛno nti wɔn nkurɔfo kɔ wɔn nkyɛn na wonya nsu nom ma ebu so. Wobisa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahu? Na Ɔsorosoroni no wɔ nhumu ana?” Sɛɛ na amumɔyɛfo no te, hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyade. Ampa ara, mannya hwee amfi me komamtew mu; me nsa a enni fɔ no ayɛ ɔkwa. Da mu nyinaa mihu amane; anɔpa biara wɔtwe mʼaso. Sɛ mekae se, “Mɛkasa saa” a, anka midii wo mma no huammɔ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte eyinom nyinaa ase, nanso na ɛhyɛ me so kosii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ; ɛhɔ na metee nea awiei no ɛbɛba wɔn so no ase. Ampa ara wode wɔn gu faako a hɔ yɛ toro wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa. Sɛnea wɔsɛe prɛko pɛ, na ehu hwim wɔn kɔ no. Ɛte sɛ adaeso, bere a onipa anyan, Awurade, sɛ wokanyan wo ho a, wubebu wʼani agu wɔn so sɛ biribi a enni hɔ. (Nnwom 73:1-20)
Ɔbea a ne yam ye no, wɔde obu ma no, nanso mmarima atirimɔdenfo nya ahode nkutoo. (Mmebusɛm 11:16)
Woyɛ ɔtreneeni bere biara, Awurade, sɛ mede asɛm to wʼanim a. Nso me ne wo bɛkasa afa wʼatɛntrenee ho: Adɛn nti na amumɔyɛfo kwan si wɔn yiye? Adɛn nti na wɔn a wonni gyidi ho dwo wɔn? Woadua wɔn, na wɔagye ntin; wonyinyin na wɔsow aba. Wɔbɔ wo din bere biara nanso wɔn koma mmɛn wo. (Yeremia 12:1-2)
Adefo a wonsuro Nyankopɔn
Na ɔbarima bi fi Maon a na ɔwɔ agyapade wɔ baabi a ɛbɛn Karmel yɛ ɔdefo kɛse. Na ɔwɔ mmirekyi apem ne nguan mpensa a na otwitwa wɔn nwi wɔ Karmel. (1 Samuel 25:2)
Afahyɛ no dii asram asia, na ɔdaa nʼaheman mu sika mpempem ne emu anuonyam adi. (Ɛster 1:4)
...de ahonya ne mma dodow a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔde ahorow a ɔhene ama no no nso ne sɛnea wɔasi no panyin wɔ mpanyimfo nkae no so no nso tuu ne ho. (Ɛster 5:11)
Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔn ademude dɔɔso bebree. Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma; na wɔn nteaseɛnam dodow nni ano. (Yesaia 2:7)
Bere a wʼaguade kɔɔ po ahorow so no woboaa aman bebree; Wʼahonyade ne wʼaguade maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho. (Hesekiel 27:33)
“Na afei, mɛka mu nokware akyerɛ wo: ahemfo baasa bɛsɔre wɔ Persia, wɔn akyi no, nea ɔto so anan a obenya ne ho akyɛn nkae no bɛsɔre. Ɔde nʼahonya mu ahoɔden behwanyan obiara atia Hela ahenni. (Daniel 11:2)
...ohuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtowgyeni panyin san yɛ osikani nso. (Luka 19:2)
Ahyɛde sɛ nhwehwɛ nnipa bi nkɔso
Na sɛ mote ase yi, mo ne Amonfo ne Moabfo nnyɛ ayɔnkofa apam koraa. (5 Mose 23:6)
Enti mommma mo mmabea nware wɔn mmabarima, na mo mmabarima nso nware wɔn mmabea, na ɛnsɛ sɛ moboa saa aman no wɔ ɔkwan biara so, na yɛayɛ ɔman kɛse, adi asase no so nnepa, na yɛagyaw ama yɛn mma sɛ daapem agyapade.’ (Ɛsra 9:12)
Kwan a ɛnteɛ a wɔfa so yɛ yiye
Ebinom yɛ yiye denam bɔne a wɔyɛ na wɔnnye ntom so
Efraim hoahoa ne ho sɛ, “Meyɛ ɔdefo; manya me ho. Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhu amumɔyɛ biara wɔ me ho.” (Hosea 12:8)
Atɔfo no kunkum nguan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nguan no ka se, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefo!’ Na nguan no ahwɛfo no mpo nnya ahummɔbɔ mma wɔn. (Sakaria 11:5)
Ebinom yɛ wɔn ho sɛ nyamesomfo na wɔayɛ yiye
Na Mika kae se, “Minim sɛ Awurade behyira me, efisɛ mewɔ Lewini a ɔresom sɛ me sɔfo.” (Atemmufo 17:13)
Nsɛm ahorow
...na sɛ wohwehwɛ no te sɛnea wohwehwɛ dwetɛ na wohwehwɛ no sɛnea worepɛ ademude a ahintaw a, (Mmebusɛm 2:4)
Wʼadwene mu mpo nkasa ntia ɔhene, na wo pia mu nso nnome ɔdefo, efisɛ anomaa a ɔnam wim de wʼasɛm bɛkɔ, na anomaa a otu bɛkɔ akɔka. (Ɔsɛnkafo 10:20)
Ɛtɔ da bi a nnipa daadaa wɔ wɔn sika tebea ho
Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefo, a nso onni hwee, ɔfoforo yɛ ne ho sɛ ohiani, nso ɔwɔ ahonya bebree. (Mmebusɛm 13:7)
Wɔde sika kyerɛ Onyankopɔn Ahenni no bo
Yesu toaa mmebu no so se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ademude bi a obi kohuu wɔ afuw bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahode nyinaa, de kɔtɔɔ afuw no. “Bio, Ɔsoro Ahenni te sɛ obi a odi nhene pa ho gua a ɔrehwehwɛ nhene pa atɔ. Okonyaa bi a ɛyɛ fɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahode nyinaa de kɔtɔe!” (Mateo 13:44-46)
Wɔde trenee asetena toto dwetɛ ho
Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ ankasa nanso omumɔyɛfo koma nni bo. (Mmebusɛm 10:20)
Atemmu ba aman a wɔyɛ adefo na wonsuro Nyankopɔn so
Enti ahonyade a wɔapɛ agu hɔ no wɔsoa de kotwa mpampuro bon. (Yesaia 15:7)
Mo a motete nsuwansuwa bebree ho na nnwetɛbona abu mo so, mo awiei aba, bere a ɛsɛ sɛ wotwa mo kyene no. (Yeremia 51:13)
Ka kyerɛ Tiro a ɔda po abobow ano, na ɔne aguadifo bebree a wɔwɔ mpoano nkurow so di gua se, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka: “ ‘Woka se, Tiro, “Me ho yɛ fɛ yiye.” “ ‘Wʼaguade a ɛma wonyaa wo ho bebree nti, Tarsis ne wo dii gua, wɔde dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii sesaa wʼaguade. “ ‘Helafo, Tubalfo ne Mesekfo ne wo dii gua, wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼaguade. “ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfurum mma bɛsesaa wʼaguade. “ ‘Roda mmarima ne wo dii gua, na mpoano nkurow bebree yɛɛ wʼadetɔfo a wɔde asonse ne duabo nnua tuaa wo ka. “ ‘Aram ne wo dii gua esiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammabo, ntama a ɛberedum, nea wɔadi mu adwinni, nwera pa, nnɛnkyerema ne bota bɛsesaa wʼaguade. “ ‘Yuda ne Israel ne wo dii gua; wɔde awi a efi Minit ne brodo, ɛwo, ngo ne ahyehyesrade sesaa wʼaguade. “ ‘Damasko ne wo dii gua wɔ nsa a efi Helbon ne nguan ho nwi a efi Sahar mu, esiane nneɛma a woyɛ ne wʼaguade a ama woanya wo ho bebree no nti. Danfo ne Helafo a wofi Usal tɔɔ wʼaguade na wɔde dade a wɔaboro, sesadua ne ahunuanyankwa sesaa wʼaguade. “ ‘Dedan de apɔnkɔnguasotam ne wo dii gua. “ ‘Arabfo ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼaguadifo a wɔde nguantenmma, adwennini ne mpapo ne wo dii gua. “ ‘Seba ne Raama aguadifo ne wo dii gua; wɔde nnuhuam ahorow a ɛte apɔw, aboɔden abo ne sikakɔkɔɔ ne wo bedii nsesagua. “ ‘Haran, Kan ne Eden, aguadifo a wofi Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii gua. Wo gua so hɔ, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ, nnɛmmatam a ɛyɛ tuntum, adwinne ahorow ne ntama fɛfɛ a ɛwɔ ahosu ahorow a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔwapɔw na ayɛ ne wo bedii gua. “ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma sɛ asoafo ma wʼaguade. Adesoa duruduru ayɛ wo ma wɔ po no mfimfini. Wʼaharefo no fa wo de wo kɔ po so akyirikyiri nanso apuei ahum bebubu wo mu nketenkete wɔ po no mfimfini. Wʼahonya, aguade ne adetɔnnne wʼahyɛn akwankyerɛfo, wʼahyɛn mufo ne wɔn a wotuatua wʼahyɛn mu ntokuru, wʼaguadifo ne wʼasraafo nyinaa, ne obiara a ɔwɔ hyɛn no mu bɛmem akɔ po ase tɔnn, da a wo hyɛn no bɛbɔ. (Hesekiel 27:3, 12-27)
Israel yɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw; ɔsow aba maa ne ho. Bere a nʼaba redɔɔso no, osisii afɔremuka bebree; nʼasase rekɔ so yɛ yiye no osiesie nʼabosom dum kronkron no. Nnaadaasɛm wɔ wɔn koma mu, nti ɛsɛ sɛ wonya wɔn afɔdi so asotwe. Awurade bebubu wɔn afɔremuka, na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no. (Hosea 10:1-2)
Muntwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ no wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di gua ase, dwetɛ aguadifo nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn. Wɔbɛfom wɔn ahonyade, na wɔabubu wɔn afi agu. Wobesisi afi, nanso wɔrentena mu wɔbɛyɛ bobe mfuw nanso wɔrennom mu nsa.” Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn nkwa wɔ Awurade abufuw da no.” Ne ninkutwe mu gya no bɛhyew ɔman no nyinaa, na ɔbɛma asase no so tefo nyinaa nkwa aba awiei mpofirim. (Sefania 1:11, 13, 18)
Tiro asi abandennen ama ne ho; waboa dwetɛ ano te sɛ mfutuma, ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔte a ɛwɔ mmɔnten so. Nanso Awurade begye nʼahode nyinaa na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ po so, na wɔde ogya bɛhyew no dwerɛbee. (Sakaria 9:3-4)
Ɛnsɛ sɛ ɔhene no nya ahonyade bebrebe
Ɛnsɛ sɛ saa ɔhene no pɛ apɔnkɔ dodow sɛ nʼagyapade anaasɛ ɔma nnipa san kɔ Misraim kɔtɔ apɔnkɔ dodow bi, efisɛ Awurade aka akyerɛ mo se. “Ɛnsɛ sɛ mosan kɔ mo akyi bio.” Ɛnsɛ sɛ ɔware yerenom bebree anyɛ saa a, ne koma befi Awurade so. Ɛnsɛ sɛ ɔboaboa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii ano. (5 Mose 17:16-17)
Ahemfo buu ahyɛde a ɛne sɛ wonnya ahonyade bebrebe no so
Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumien. (1 Ahemfo 4:26)
Afe biara, na sikakɔkɔɔ a ɛba Salomo nsam no yɛ tɔn aduonu anum, a na sika a onya fi aguadifo, Arabia ahemfo ne asase no so amradofo no nkyɛn nka ho. Ɔhene Salomo ma wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahannu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram ason. Bio, ɔyɛɛ akyɛm nketewa bi a ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛe a, emu biara mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no de saa akyɛm yi nyinaa kosiee ahemfi hɔ baabi bi a wɔfrɛ hɔ Lebanon Kwae Ahemfi. Na ɔhene no de asonse yɛɛ ahengua kɛse bi, na ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. Na ahengua no wɔ atrapoe ntiaso asia na nʼakyi yɛ kurukuruwa. Ahengua no wɔ nsa wɔ benkum ne nifa, na wɔayɛ gyata sɛso abien asisi hɔ. Salomo san yɛɛ gyata sɛso dumien a ɔbaako biara gyina atrapoe ntiaso asia no mu biara benkum ne nifa. Ahengua biara nni wiase a wobetumi de atoto Salomo de no ho. Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ na wɔde yɛe. Saa ara na nneɛma ahorow a ɛwɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu no nso te. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, efisɛ Salomo bere so no, na wobu dwetɛ ade teta bi. Na ɔhene no wɔ po so aguadihyɛn bebree a ɛne Huram de no yɛ adwuma bɔ mu. Mfe abiɛsa biara, ahyɛn no ba prɛko a sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nsorommoa ne asibe ahyehyɛ wɔn ma. Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa. Na nnipa fifi aman ahorow so bɛsra no, na wotie nyansa a Onyankopɔn de adom no no bi. Afe biara mu, obiara a ɔbɛba abɛsra no no brɛ no akyɛde te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntade, akode, nnuhuam, apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ. Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahannan ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde emu fa kɛse guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so na ɔmaa bi nso kaa Yerusalem. Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ abo wɔ Yerusalem. Na sida nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ ankye nnua a efifi wɔ mmepɔw ase wɔ Yuda asase so. Na Salomo tɔɔ apɔnkɔ fii Misraim ne Kilikia, efisɛ na ɔhene no aguadifo nya wɔn fi Kilikia a wɔn bo no ye. (1 Ahemfo 10:14-28)
Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahannan ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde emu fa kɛse guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so na ɔmaa bi nso kaa Yerusalem. Salomo bere so no, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ buu so sɛ abo wɔ Yerusalem. Na sida aboɔden nnua nso buu so sɛ ankye nnua a na abu so wɔ Yuda mmepɔw no ase no. Na Salomo tɔɔ apɔnkɔ fii Misraim ne Kilikia, efisɛ na ɔhene no aguadifo nya wɔn fi Kilikia a wɔn bo no ye. Saa bere no na wotumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbona kilogram ason, na apɔnkɔ nso, wotumi tɔ no nnwetɛbona kilogram abien. Wɔn nso kɔtontɔn wɔn nyinaa maa Hetifo ne Aram ahemfo. (2 Beresosɛm 1:14-17)
Awurade, wo Nyankopɔn yɛ ɔkɛse ampa. Nʼani gye wo ho nti, ɔde wo asi ahengua so sɛ di hene ma no. Efisɛ Onyankopɔn pɛ Israel asɛm dodo, na ɔpɛ sɛ saa ahenni yi tena afebɔɔ; wasi wo hene sɛnea wode nokware ne atɛntrenee bebu ɔman no.” Afei, ɔmaa ɔhene no sikakɔkɔɔ akyɛde a ɛkari tɔn 4 ne nnuhuam pii ne aboɔden mpempranne. Seba hemmea nnuhuam a ɔde maa Salomo no so bi mmaa da. Bere a Huram hyɛn mufo ne Salomo nkurɔfo de sikakɔkɔɔ fi Ofir bae no, wɔde ɔbako nnua pa bebree ne mpempranne kaa ho bae. Ɔhene no de ɔbako nnua no yɛɛ Awurade Asɔredan ne ahemfi no atrapoe. Ɔde bi nso yɛɛ asankuten ne mmɛnta maa nnwom ho nimdefo no. Na saa nnwontode no so bi mmaa da wɔ Yuda. Biribiara a Seba hemmea bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no. Na ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo pa ara, na ɛboro nea ɔhemmea de brɛɛ no no so. Afei, ɔhemmea no ne nʼasomfo no san kɔɔ wɔn ankasa asase so. Afe biara, na sikakɔkɔɔ a ɛba Salomo nsam no yɛ tɔn aduonu anum. Na sika a onya fi aguadifo nkyɛn no nka eyi ho. Na Arabia ahemfo nyinaa ne amradofo a wɔwɔ asase no so nyinaa brɛ Salomo sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Ɔhene Salomo ma wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahannu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram ason. Ɔsan yɛɛ sikakɔkɔɔ nkatabo nketewa ahaasa a wɔde asae aboro a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa nkatabo no wɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu. Afei, ɔhene no de asonse yɛɛ ahengua kɛse bi, na ɔde sikakɔkɔɔ ankasa guu ho. Na ahengua no wɔ atrapoe asia a wɔde sikakɔkɔɔ ntiasode afam ho. Ahengua no wɔ nsa wɔ benkum. Ne nifa na gyata sɛso nso gyinagyina afa ne fa wɔ ahengua no ho. Salomo san yɛɛ gyata sɛso dumien a ɔbaako biara gyina atrapoe ntiaso asia no mu biara benkum ne nifa. Ahengua biara nni wiase a wobetumi de atoto Salomo de no ho. Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ na wɔde yɛe. Saa ara na nneɛma ahorow a ɛwɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu no nso te. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, efisɛ Salomo bere so no, na wobu dwetɛ ade teta bi. Na ɔhene no wɔ aguadi ahyɛn a emu adwumayɛfo yɛ Huram asomfo. Mfe abiɛsa biara, ahyɛn no ba a, wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nsoroboa ne asibe brɛ ɔhene no. Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa. Ahemfo fifi aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi. Afe biara, obiara a ɔbɛba abɛsra no no, ɔbrɛ no akyɛde te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntade, akode, nnuhuam, apɔnkɔ ne funumpɔnkɔ. Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan a ne nteaseɛnam apɔnkɔ da mu ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde mu fa kɛse no kɔɔ nkurow a ne nteaseɛnam wɔ mu, na ɔmaa bi nso bɛn no wɔ Yerusalem. Odii hene bunkam faa ahemfo nyinaa so, fi Asubɔnten Eufrate ano de kosi Filistifo asase ne Misraim hye so. Ɔhene no maa dwetɛ buu so ma ɛyɛɛ sɛ abo wɔ Yerusalem. Sida nnua nso, onya ma ebuu ne so te sɛ ankye nnua a enyin wɔ Yuda mmepɔw ase no. (2 Beresosɛm 9:8-27)
Nkɔmhyɛ
Tiro Babea de ayɛyɛde bɛba; mmarima adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo. (Nnwom 45:12)
Hesekia gyee asomafo no fɛw so, na afei ɔde nea ɔwɔ wɔ ne adekoradan mu kyerɛɛ wɔn; dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhuam, ngohuam, nʼakode akorae ne biribiara a ɛka nʼademude ho. Biribiara nni nʼahemfi ne nʼahenni mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. Odiyifo no bisae se, “Dɛn na wohuu wɔ wʼahemfi hɔ?” Hesekia buae se, “Wohuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfi ha. Biribiara nni mʼademude mu a mamfa ankyerɛ wɔn.” Afei Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia se, “Tie asɛm a efi Asafo Awurade nkyɛn: Nokware, bere bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfi ne agyapade a wʼagyanom akora de abedu nnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sɛɛ na Awurade se. (Yesaia 39:2, 4-6)
Afei wobɛhwɛ na wʼanim atew, wo koma bɛbɔ na anigye ahyɛ no ma; ahonya a ɛwɔ po so, wɔde bɛbrɛ wo, na amanaman no ahode nso bɛba wo nkyɛn. Yoma akuwakuw bɛyɛ wʼasase so ma, yomaforo a wufi Midian ne Efa. Na wɔn a wofi Seba nyinaa bɛba, wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhuam na wɔpae mu ka Awurade ayeyi. Ampa ara asupɔw no ani da me so; Tarsis ahyɛn na wodi anim, wɔde wo mmabarima fifi akyirikyiri reba, wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ, de rebɛhyɛ Awurade, wo Nyankopɔn anuonyam, Israel Kronkronni No, efisɛ wahyɛ wo anuonyam. Wo apon ano bɛdeda hɔ bere biara, wɔrentoto mu awia anaa anadwo, sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo, wɔn ahemfo dii nkonimdi santen no anim. (Yesaia 60:5-6, 9, 11)
Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfo, wɔbɛto mo din sɛ yɛn Nyankopɔn asomfo. Amanaman no ahonya no na mubedi na wɔn ahode na mode bɛhoahoa mo ho. Wɔn animguase anan mu me nkurɔfo benya anuonyam mmɔho, na ahohora anan mu wɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔ wɔn adedi mu; ne saa nti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho, na anigye a enni awiei bɛyɛ wɔn dea. (Yesaia 61:6-7)
Mɛwosow aman nyinaa, na aman nyinaa anidaso bɛba, na mede anuonyam bɛhyɛ saa ofi yi ma.’ Saa na Asafo Awurade se. (Hagai 2:7)
“Kɔ so pae mu ka se, sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Nnepa bebu so wɔ me nkurow yi so bio, na Awurade bɛkyekye Sion werɛ bio, na wafa Yerusalem.’ ” (Sakaria 1:17)
Ɛnyɛ saa nsɛm yi ara na Awurade faa kan adiyifo so paee mu kae, wɔ bere a Yerusalem ne nkurow a atwa ne ho ahyia no wɔ asomdwoe ne nkɔso no, bere a na nnipa akɔtena Negeb ne atɔe fam nkoko no so ana?’ ” (Sakaria 7:7)
Na asase so ahemfo ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu. Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw no ne abotan no se, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɔte ahengua no so no ani renhu yɛn, na yemfi Oguamma no abufuw ano. (Adiyisɛm 6:15-16)
Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛse; adefo ne ahiafo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho sɛ wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyirae. Obiara nni ho kwan sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔn, gye sɛ wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma din no hyɛ ne ho agyirae. (Adiyisɛm 13:16-17)
Na ɔbea no hyɛ atadetam kɔkɔɔ a ɔde sika mpɔw a ɛhyerɛn ne nhene a ne bo yɛ den ahyehyɛ ne ho. Na okura sika kuruwa a afide ne aguamammɔ ho nneɛma ayɛ no ma tɔ. (Adiyisɛm 17:4)
Ɔde ne nsa a ɛyɛ nʼaguamammɔ a ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomee. Asase so ahene ne no bɔɔ aguaman, na asase so adwumayɛfo nam nʼahonya mmoroso so nyaa wɔn ho.” (Adiyisɛm 18:3)
“Aguadifo a wɔwɔ asase so nso su no, efisɛ obiara ntɔ wɔn nneɛma bio. Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, aboɔden abo ne nhene pa, nwera pa ne ɔtamkɔkɔɔ ne sirikyi ne tamkɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asonse adwinne nyinaa, adwinne a wɔde nnua a ne bo yɛ den ayɛ, asanka ne dade ne abohemaa, ne pɛprɛ ne mmorɔngo, nnuhuam ne kurobow, huamfufu ne nsa ne ngo, asikresiam muhumuhu ne awi, nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra. “Aguadifo no bɛka se, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’ Aguadifo a wonyaa wɔn ho wɔ kurow no mu no begyina akyirikyiri efisɛ wosuro amane a ɔrehu no. Wobesu na wɔatwa agyaadwo, na wɔaka se: “ ‘Due! Due, Ao, kuropɔn a ofura nwera pa ne tamkɔkɔɔ na sika ne aboɔdenmmo a nhene pa bobɔ mu. Dɔnhwerew pɛ, na saa ahonya dodow yi asɛe.’ “Hyɛn mu sahene ne hyɛn no mu nnipa, mu adwumayɛfo ne wɔn a wɔka ho a wonya wɔn anoduan fi hyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri. Wosui wɔ bere a wohuu ogya a ɛrehyew no wusiw no, wɔteɛɛ mu kae se ‘Kuropɔn biara a ne kɛse te sɛɛ mmaa da.’ ” Wɔbɛtow mfutuma agu wɔn atifi na wɔasu, atwa agyaadwo se, “ ‘Due! Due, wo kuropɔn, wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no nam wʼahonya so yɛɛ adefo. Na dɔnhwerew baako pɛ mu, woahwere biribiara!’ (Adiyisɛm 18:11-19)
Wɔde ahonyade ho anidaso kanyan nnipa
Mubetumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa yɛ mo dea. Montena so, nni gua wɔ so, mpɛ mu agyapade.” Na Sekem ka kyerɛɛ Dina nʼagya ne ne nuabarimanom no se “Munnye me nto mu. Biribiara a mubegye me no, metua. Ɔbea no ti ade ne biribiara a mubegye aka ho no, mommɔ bo biara a mopɛ, na metua. Nea ehia me ara ne sɛ, mode ababaa no bɛma me aware.” (1 Mose 34:10-12)
“Yakob ne ne mma yi ne yɛn te yiye. Mompene so na wɔne yɛn ntena yɛn asase yi so, na yenni gua. Efisɛ yɛn asase yi so a yɛne wɔn bɛsen so. Yebetumi aware wɔn mmabea, na wɔn nso betumi aware yɛn de. Sɛ ɛba saa a, wɔn mmoa, wɔn agyapade ne wɔn mmoa ahorow a ɛkeka ho no nyinaa remmɛyɛ yɛn de ana? Enti momma yɛmpene so mma wɔn, na yɛne wɔn ntena.” (1 Mose 34:21, 23)
Afei, na Israelfo keka wɔ wɔn mu se, “Woahu ɔbran no? Ɔba bɛkasa tia Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a obetumi akum no no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babea bɛma no aware, na ne fifo nso, ɔhene remma wontua tow biara a wogye no Israelman mu.” (1 Samuel 17:25)