Onyankopɔn na ɔwɔ ade nyinaa
Onyankopɔn na ɔwɔ asase so nneɛma nyinaa
...behyiraa Abram se: “Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase, Nhyira nka wo, Abram. (1 Mose 14:19)
Nanso Abram ka kyerɛɛ Sodomhene no se, “Madi nsew aka ntam akyerɛ AWURADE, Ɔsorosoro Nyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfo se, (1 Mose 14:22)
Mose kae se, “Sɛ mifi kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ Awurade mpae na aprannaa no ne mparuwbo no agyae. Eyi bɛma mo ahu sɛ Awurade na asase nyinaa hyɛ ne nsa. (2 Mose 9:29)
Sɛ mubetie me, na moadi mʼahyɛde so a, mobɛyɛ me nguankuw ketewa wɔ asase so aman nyinaa mu, efisɛ asase nyinaa yɛ me dea. (2 Mose 19:5)
Ɔsorosoro mu soro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, de. (5 Mose 10:14)
Kɛseyɛ, ahoɔden, anuonyam, nkonimdi ne tumi yɛ wo de, Awurade. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo de, Awurade, na ahenni yi nso yɛ wo de. Yɛma wo so sɛ wone ade nyinaa so tumfo. “Na me ne hena na me nkurɔfo ne nnipa bɛn a yetumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no fi wo nkyɛn, na nea yɛde ma wo no yɛ nea wode ama yɛn dedaw no. Yɛwɔ ha mmere tiaa bi sɛ nsrahwɛfo ne ahɔho wɔ asase a yɛn agyanom dii kan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsuma a etwa mu kɔ ntɛm so a wonhu bio. Awurade, yɛn Nyankopɔn, saa nneɛma a yɛaboaboa ano de rebesi asɔredan de ahyɛ wo din kronkron anuonyam yi mpo fi wo nkyɛn! Ne nyinaa yɛ wo dea. (1 Beresosɛm 29:11, 14-16)
Hena na mede no ka a ɛsɛ sɛ mitua? Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase no yɛ me de. (Hiob 41:11)
Dawid dwom. Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade de; wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no; (Nnwom 24:1)
Sɛ ɔkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo; efisɛ, wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ me de. (Nnwom 50:12)
Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn; efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de. (Nnwom 82:8)
Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo; wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa wo na wufii ase. (Nnwom 89:11)
Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, na mmepɔw mpampam wɔ no. Po wɔ no, ɔno na ɔbɔe, na ne nsa na ɛnwenee asase kesee no. (Nnwom 95:4-5)
Awurade, wo nnwuma dɔɔso! Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa; wʼabɔde ahyɛ asase so ma. (Nnwom 104:24)
Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Asase ne nea ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.” (1 Korintofo 10:26)
Bɛ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔwɔ ade nyinaa
“Bio, Ɔsoro Ahenni te sɛ ɔbarima bi a ɔretu kwan akɔ ɔman foforo bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ ne nkoa na ɔde nʼahode maa wɔn. Ɔmaa ɔbaako sika nkotoku anum. Ɔmaa ɔfoforo nkotoku abien na ɔfoforo, kotoku baako, sɛnea obiara ahoɔden te. Nea ɔmaa no nkotoku anum no de sika no kɔyɛɛ adwuma, nyaa mfaso nkotoku anum kaa ho. Saa ara na nea onyaa sika nkotoku abien no nso nyaa abien kaa ho, Nanso nea onyaa kotoku baako no de, okotuu fam de ne wura sika no siee hɔ. “Mmere bi akyi na wɔn wura no fi akwantu mu bae ne wɔn bebuu akontaa. Nea onyaa sika nkotoku anum no de anum kaa ho bae. Ɔkae se, ‘Me wura, womaa me sika nkotoku anum. Hwɛ, manya anum aka ho.’ “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, na me ne wo nni dɛw!’ “Akoa a ɔmaa no sika nkotoku abien no nso bae. Ɔka kyerɛɛ ne wura no se, ‘Worekɔ no, womaa me sika nkotoku abien, hwɛ, manya abien aka ho.’ “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa ne ɔnokwafo, woadi kakra yi ho nokware, mede wo besi nneɛma pii so panyin. Bra, wo wura anigye mu!’ “Akoa a onyaa sika kotoku baako no nso bae. Ɔka kyerɛɛ ne wura no se, ‘Owura, minim sɛ woyɛ onipa a wo ho yɛ nwonwa. Wutumi twa wɔ nea wunnuae ɛ, na wutumi boaboa ano wɔ nea wompetee ɛ; enti misuroi, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼade ni!’ “Ne wura no ka kyerɛɛ no se, ‘Akoa bɔne ne onihawfo! So wunim sɛ mitumi twa wɔ nea minnuae, na mitumi boaboa ano wɔ nea mempetee? Saa de a anka ɛsɛ sɛ wode sika no kɔto sikakorabea nya nsiho to hɔ ma me. “ ‘Munnye sika kotoku no mfi ne nsam, na momfa nkɔma nea onyaa nkotoku du no. (Mateo 25:14-28)
Awurade kura nneɛma nyinaa mu
Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro. (Hebrifo 1:3)
Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ. (Kolosefo 1:17)
Agyapade pɔtee a Onyankopɔn wɔ
Asase
“ ‘Na monkae sɛ asase no yɛ me dea enti munni ho kwan sɛ motɔn no afebɔɔ. Moyɛ ahɔho na meyɛ asase wura ma mo. (3 Mose 25:23)
Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ
Afei wode wo nnwinne fɛfɛ a mede maa wo no, nea mede sikakɔkɔɔ ne dwetɛ yɛe no yɛɛ ahoni maa wo ho na wo ne wɔn bɔɔ aguaman. (Hesekiel 16:17)
‘Dwetɛ no yɛ me de. Na sikakɔkɔɔ yɛ me de.’ Sɛɛ na Asafo Awurade se. (Hagai 2:8)
Mmoa
...efisɛ kwae mu aboa biara yɛ me de, anantwi a wɔwɔ nkoko mpempem so nso saa ara. Minim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔw no so, na wuram abɔde nyinaa yɛ me de. (Nnwom 50:10-11)
Onyankopɔn di biribiara a esi so
Awurade di nea esi wɔ asase so nyinaa so
Kɛseyɛ, ahoɔden, anuonyam, nkonimdi ne tumi yɛ wo de, Awurade. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo de, Awurade, na ahenni yi nso yɛ wo de. Yɛma wo so sɛ wone ade nyinaa so tumfo. Ahonya ne anuonyam fi wo nko ara, efisɛ woyɛ ade nyinaa sodifo. Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam na wopɛ mu na wufi ma nnipa yɛ kɛse na wonya ahoɔden. (1 Beresosɛm 29:11-12)
Awurade yɛ nea ɔpɛ biara wɔ ɔsoro ne asase so, po ne mu bun nyinaa. (Nnwom 135:6)
Wɔbɔ ntonto de hwehwɛ nea Awurade pɛ, nanso ne gyinaesi biara fi Awurade. (Mmebusɛm 16:33)
Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntu. Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase? (Mmebusɛm 20:24)
...se, “Ayeyi nka Onyankopɔn din daa nyinaa, ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi. Ɔno na ɔsesa mmere ne nnipa nkrabea; osi ahene, na otu wɔn ade so. Ɔma anyansafo hu nyansa, na ɔma nhumu ho nimdeɛ. (Daniel 2:20-21)
Awurade ma kwan ma tebea a emu yɛ den ba
Afei, ne nuabarimanom, ne nuabeanom nyinaa ne obiara a na onim no dedaw no baa ne fi ne no bedidii. Wɔkyekyee ne werɛ wɔ amanehunu a Awurade ma ɔkɔɔ mu no ho, na wɔn mu biara brɛɛ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ kaa. (Hiob 42:11)
...sɛnea ɛbɛyɛ a efi nea owia pue kosi beae a ɛtɔ no nnipa behu sɛ obiara nka me ho. Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio. Meyɛ hann, na mebɔ sum. Mede yiyedi ba na mede ɔhaw ba; Me, Awurade, na meyɛ eyinom nyinaa. (Yesaia 45:6-7)
Hena na obetumi aka na wama aba mu wɔ bere a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛe? Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom na mmusu ne nnepa fi ana? (Kwadwom 3:37-38)
Sɛ wɔhyɛn torobɛnto wɔ kuropɔn mu a nnipa no ho mpopo ana? Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a ɛnyɛ Awurade na ɔyɛe ana? (Amos 3:6)
Awurade de tebea biara yɛ papa wɔ nyamesofo asetena mu
Yenim sɛ ade nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ewie wɔn yiye. Edi boa wɔn a ɔnam nʼatirimpɔw so afrɛ wɔn. (Romafo 8:28)
Nhwɛso a ɛfa Awurade a ɔmaa kwan ma tebea den bae na ɛde papa ba awiei
Mommma biribiara nhaw mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔn me ma wɔde me baa ha. Onyankopɔn na ɔyɛe. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ mimmegye mo nkwa. Mfe abien ni a ɔkɔm baa asase yi so. Mfe anum a ɛreba yi nso, obiara rennua, na obiara nso rentwa. Onyankopɔn asoma me ha sɛ memma mo ne mo fifo ntena nkwa mu, na moayɛ ɔman kɛse. “Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufo ne ne fi sohwɛfo, na ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa. Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Sɛnea wo babarima Yosef se ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfo. Enti ntwentwɛn wʼanan ase koraa, na bra Misraim! (1 Mose 45:5-9)
Honam fam onipa adwene wɔ nsɛm a esi so ho
Mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase: Mmirikakansi nni hɔ mma nea ne ho yɛ hare anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfo, aduan mma onyansafo nkyɛn anaasɛ ahonya nnkɔ nhumufo hɔ, na adom nnkɔ nimdefo nkyɛn; nanso bere ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa. (Ɔsɛnkafo 9:11)
Nsɛm ne nneɛma pɔtee a Awurade di so
Awurade kyerɛ nnipa koma kwan
Ɔhene koma da Awurade nsam; ɔkyerɛ no ɔkwan te sɛ asuten ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ. (Mmebusɛm 21:1)
Awurade tumi ma nyamesofo nya adom wɔ afoforo anim
...na Awurade ka ne ho. Awurade yɛɛ no adɔe ma ɛno nti, afiase sohwɛfo panyin no pɛɛ nʼasɛm yiye. (1 Mose 39:21)
Wodii Twam Afahyɛ aduan no, na wɔde nnanson nso dii Apiti Afahyɛ no. Ahosɛpɛw baa ɔman no mmaa nyinaa, efisɛ Awurade sakraa Asiriahene adwene a ɔwɔ wɔ wɔn ho ma ɔboaa wɔn sii Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn, asɔredan no. (Ɛsra 6:22)
Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwae so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpuran ama Asɔredan no aban ano apon, kuropɔn no afasu ne mʼankasa me fi” Na ɔhene no penee saa abisade yi nyinaa so, efisɛ, na Onyankopɔn adom nsa no wɔ me so. Afei, mekaa sɛnea Onyankopɔn adom nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene dii no kyerɛɛ wɔn. Wobuaa prɛko pɛ se, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasu no bio!” Enti wofii adwuma pa yi ase. (Nehemia 2:8, 18)
Israelfo a wɔfaa Misraimfo nneɛma no ho nhwɛso
“Mɛma mo anim aba nyam wɔ Misraimfo no anim na wɔahyehyɛ akyɛde ama mo, na moankɔ no nsapan. Ɔbea biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinne ne ntama pa mfi nʼafipamfo ne ne fifo mmea nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ho. Saayɛ so na mobɛfa afow Misraimfo no.” (2 Mose 3:21-22)
Na Israelfo no asrɛsrɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinne ne ntade afi Misraimfo no nkyɛn sɛnea Mose kaa se wɔnyɛ no. Awurade maa Misraimfo no huu Israelfo no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisade nyinaa. Ɛnam saayɛ so maa Israelfo no twee Misraimfo ahonyade nyinaa kɔe. (2 Mose 12:35-36)
Awurade pirim nnipa bi koma
Na mɛsan apirim Farao koma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛe yi, sɛnea ɛbɛma manya anuonyam ne nidi wɔ Farao ne nʼasraafo mu na ama Misraimfo no nso ahu sɛ, mene Awurade no.” Enti wosii ntamadan wɔ faako a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no. (2 Mose 14:4)
Nanso Hesbonhene Sihon amma yɛantwa mu wɔ hɔ. Efisɛ na Awurade, mo Nyankopɔn, ayɛ ne honhom sisirii, apirim ne koma sɛnea ɔnam so de no bɛhyɛ mo nsam, sɛnea wayɛ no nnɛ yi. (5 Mose 2:30)
Awurade di koma mu anibere so
Saa afahyɛ abiɛsa yi mu biara du so a, ɛsɛ sɛ Israelfo mmarima ne mmarimaa nyinaa ba Awurade anim. Sɛ mokɔ Awurade mo Nyankopɔn anim saa mprɛnsa no nyinaa afe biara mu a, obiara nni hɔ a ɔbɛtoa mo abedi mo asase no so. Mɛpam saa aman no wɔ mo anim na matrɛw mo ahye mu. (2 Mose 34:23-24)
Awurade di aman so
Ɔnam onipa baako so na ɔbɔɔ nnipa ahorow nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman bere a wɔbɛsɔre ne bere a wɔbɛhwe ase. Saa ara na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahye nso. (Asomafo 17:26)
Nanso Onyankopɔn nipa baa ɔhene no nkyɛn bɛkae se, “Ɔhene, ntua sika mfa asraafo mfi Israel, efisɛ Awurade nka Israel ho. Ɔremmoa saa nnipa a wofi Efraim no. Sɛ woma wɔkɔka wʼakofo ho kɔ ɔko, na moko sɛ dɛn ara a, wobedi mo so nkonim. Onyankopɔn betu mo agu, efisɛ ɔwɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔsɛe.” Amasia bisaa Onyankopɔn nipa no se, “Na dwetɛ a mitua kɔbɔɔ Israel asraafo paa no nso menyɛ no dɛn?” Onyankopɔn nipa no buae se, “Awurade betumi ama wo nea ɛsen sɛɛ koraa.” (2 Beresosɛm 25:7-9)
“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuw abaa, nea okura mʼabufuwhyew pema no! Mesoma no akɔ ɔman a wonnim Onyankopɔn so migya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuw so sɛ wonkogye akorɔnne abran so na wonhuam afowde, na wontiatia wɔn so sɛ dɔte wɔ mmɔnten so. (Yesaia 10:5-6)