Nnipa nni nokware
Onipa koma nni nokware
Awurade tee afɔre a Noa bɔe no huam no, ɔkaa wɔ ne koma mu se, “Ɛwɔ mu sɛ bɔne ahyɛ onipa koma ma fi ne mmofraase de, nanso merenni onipa akyi nnome asase bio. Na merensɛe abɔde a nkwa wɔ mu bio sɛnea mayɛ yi. (1 Mose 8:21)
Koma yɛ nnaadaa sen ade nyinaa na ano nni aduru. Hena na ɔbɛte nʼase? (Yeremia 17:9)
Koma mu na adwemmɔne, awudi, ayefasɛm, aguamammɔ, korɔn, atoro ne ntwatoso fi. (Mateo 15:19)
Afei nea efi nnipa koma mu ba no, ɛde aguamammɔ, korɔn, awudi, ayefasɛm, amumɔyɛ, asisi, ahohwi, anibere, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. (Marko 7:21-22)
Nnipa di nokware kakra pɛ
Saa bere no na Israel nni ɔhene, nti na nnipa no yɛ nea wɔpɛ biara. (Atemmufo 17:6)
Nnipa a wonni nokware ho nhwɛso
...nanso mo agya nam asisi kwan so asesa mʼakatua mu mpɛn du. Nanso eyi nyinaa akyi no, Onyankopɔn amma no kwan amma wanyɛ me bɔne. (1 Mose 31:7)
Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wonnyaw mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu. Akan buae se, “Mayɛ bɔne atia Awurade, Israel Nyankopɔn. Mihuu atade nguguso fɛfɛ bi a wɔkra fii Babilonia, dwetɛ kilogram abien ne fa ne sikakɔkɔɔ pema baako a ano si gram ahannum ne aduoson (570). Mʼani beree, enti mefae. Mede asie fam wɔ me ntamadan mu, na dwetɛ no de, ɛhyɛ fam kyɛn nkae no.” (Yosua 7:11, 20-21)
Nanso na ne mmabarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibere, gyigyee adanmude, san buu ntɛnkyew. (1 Samuel 8:3)
Ka kyerɛ no se, ‘Ɛnnɔɔso sɛ wukum Nabot? Ɛsɛ sɛ wobɔ no korɔn nso? Nea woayɛ yi nti beae a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ ara na akraman bɛtaforo wo mogya, Yiw, wʼankasa wo mogya!’ ” (1 Ahemfo 21:19)
Amumɔyɛfo fom kwan fi awo mu; wɔyɛ mmaratofo fi awotwaa mu na wodi atoro. (Nnwom 58:3)
Wo sodifo yɛ atuatewfo, akorɔmfo yɔnkonom; wɔn nyinaa pɛ adanmude, na wɔpere akyɛde ho. Wonni mma ayisaa; na akunafo nsɛm nkɔ wɔn anim. (Yesaia 1:23)
Wɔyɛ akraman a wɔpɛ aduan yiye; wonnidi mmee da. Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni ntease; wɔn nyinaa fa wɔn kwan, obiara pɛ nʼankasa mfaso. (Yesaia 56:11)
“Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya; adiyifo ne asɔfo te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifo. (Yeremia 6:13)
“ ‘Mobɛbɔ korɔn na moadi awu, mobɛbɔ aguaman na moadi adansekurum, mobɛhyew nnuhuam ama Baal na moadi anyame afoforo a munnim wɔn akyi, Na ofi a me din da so yi, abɛyɛ adwowtwafo tu ama mo ana? Nanso migu so rehwɛ! Awurade na ose. (Yeremia 7:9, 11)
Nʼadwumayɛfo te sɛ mpataku a wɔretetew wɔn hanam mu; wohwie mogya gu na wokum nnipa de pɛ mfaso bɔne. Asase no so nnipa di amim na wɔbɔ korɔn; wɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so, wonnye ahɔho ani na wɔde atɛntrenee kame wɔn. (Hesekiel 22:27, 29)
Muntie Awurade asɛm, mo Israelfo efisɛ Awurade wɔ kwaadu de bɔ mo a mote asase no so: “Nokware, ɔdɔ, anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asase no so. Nnome nko ara, atorotwa ne awudi, akrɔmmɔ, ne aguamammɔ na moyɛ ma ɛtra so, na mogyahwiegu ba ntoatoaso. (Hosea 4:1-2)
Yuda sodifo no te sɛ wɔn a woyiyi ahye so abo. Mehwie mʼabufuw agu wɔn so te sɛ nsuyiri. (Hosea 5:10)
...bere biara a mɛsa Israel yare no, Efraim nnebɔne da adi. Samaria awurukasɛm nso da adi. Wɔyɛ nnaadaafo akorɔmfo a wobubu adan ani kɔ afi mu, ne akwamukafo a wɔbɔ korɔn wɔ mmɔnten so. (Hosea 7:1)
Oguadini de asisi nsania yɛ nʼadwuma; nʼani gye asisi ho. (Hosea 12:7)
Mo amumɔyɛfo, menkɔ so mma me werɛ mfi mo ahonya a monam asisi so apɛ, ne nkontompo susukoraa a ɛde nnome ba no ana? Minnyae onipa a okura nsania a wɔamia mu, ne asisi nkaribo na ɔmfa ne ho nni ana? Adefo a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm; mo nkurɔfo no yɛ atorofo na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm. (Mika 6:10-12)
Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo no mu baako a akyiri no obeyi Yesu ama no ani annye nea ɔbea yi yɛe no ho, enti ɔkae se, “Adɛn nti na woantɔn saa ngohuam yi na yɛamfa sika no amma ahiafo?” Ɛnyɛ sɛ na odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfo, na esiane sɛ na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na owiawia bi. (Yohane 12:4-6)
Yudafo no teɛteɛɛ mu se, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ ɔmammɔfo. (Yohane 18:40)
Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapade bi. Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wonyae no bi siei, na wɔde nkae no brɛɛ asomafo no. Petro bisaa no se, “Anania, adɛn nti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atoro akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wunyaa no bi asie? Ansa na worebɛtɔn agyapade no na ɛnyɛ wʼankasa wo de; wotɔn wiee no nso sika a wunyae no, na ɛnyɛ wo de; na adɛn nti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ nea woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na mmom woadi atoro akyerɛ Onyankopɔn.” Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, otwa hwee fam wui; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm no. Wɔn mu mmerante no ba bɛkyekyeree amu no fii adi kosiee no. Ɛbɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, ne yere a na onnim asɛm a asi no baa hɔ. Petro bisaa no se, “Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a munyae nyinaa ara ni? Ka kyerɛ me.” Obuaa se, “Yiw ne nyinaa ne no.” Petro ka kyerɛɛ no se, “Adɛn nti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wokosiee wo kunu no gyina ɔpon yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akosie wo.” Amono mu hɔ ara, otwa hwee Petro anim wui. Mmerante no behuu sɛ wawu no, wɔsoaa no kosiee no wɔ ne kunu nkyɛn. (Asomafo 5:1-10)
Mpo Kreta adiyifo no mu baako kae se, “Kretafo no yɛ atorofo, mmoa atirimɔdenfo ne akwadwofo adidifo.” (Tito 1:12)
Adesamma a wɔkae no a ɔhaw no ankum wɔn no ansakra wɔn adwene amfi wɔn nsa ano nnwuma ho. Wɔannyae ahonhommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne asanka ne abo ne nnua a enhu ade na ɛnte asɛm na entumi nnantew no som. Saa ara nso na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn akorɔmmɔ ho. (Adiyisɛm 9:20-21)
Bɛ a ɛde nokware a wonni yɛ mfatoho
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɔdefo bi wɔ hɔ a na ɔwɔ ofi sohwɛfo bi. Ɔdefo yi tetee sɛ ne fi sohwɛfo no resɛe ne nneɛma. Ɔtee saa asɛm no, ɔfrɛɛ ne fi sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Dɛn na metete fa wo ho yi? Bebu wʼadwuma ho akontaa kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.’ “Ofi sohwɛfo no kaa wɔ ne tirim se, ‘Menyɛ dɛn ni? Nnɛ a wɔrepam me afi fie ha yi, ɛhe na mɛfa? Minni ahoɔden a mede bɛdɔw, na mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ ade. Minim nea mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no behu me mmɔbɔ.’ “Enti ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Obisaa nea odi kan no se, ‘Ɛka ahe na wode me wura?’ “Obuae se, ‘Mede ngo nhina aduonu ka.’ “Enti ɔka kyerɛɛ no se, ‘Yɛ ntɛm tena ase na twa mu na kyerɛw sɛ, wode ngo nhina du ka.’ “Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforo bi nso bisaa no se, ‘Na wo nso, ka ahe na wode me wura?’ “Ɔno nso buae se, ‘Mede aburow nkotoku ɔha ka.’ “Ɔka kyerɛɛ no se, ‘Tena ase na twa mu na kyerɛw sɛ, wode nkotoku aduonum ka!’ “Ɔdefo no huu nea ofi sohwɛfo no yɛe no akyi, nanso ɔnam fɛwdi so kamfoo no wɔ nʼanifiri no ho. Saa ara nso na wiase yi mma susuw sɛ wonim nyansa sen wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifo no. (Luka 16:1-8)
Nokware a wonni a wɔde nyamesom akata so
“ ‘Mobɛbɔ korɔn na moadi awu, mobɛbɔ aguaman na moadi adansekurum, mobɛhyew nnuhuam ama Baal na moadi anyame afoforo a munnim wɔn akyi, na afei, moaba abegyina mʼanim wɔ ofi a me din da so na moaka se, “Yenni ɔhaw,” sɛ moyɛ akyiwade yi nyinaa a na munni ɔhaw ana? Na ofi a me din da so yi, abɛyɛ adwowtwafo tu ama mo ana? Nanso migu so rehwɛ! Awurade na ose. (Yeremia 7:9-11)
Yesu fii hɔ no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa gui. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Mʼasɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae.’ Nanso mo de, mode hɔ ayɛ adwowtwafo atenae.” (Mateo 21:12-13)
“Munnue! Mo Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nyaatwomfo! Mutwiw mo kuruwa ne mo asanka ho fɛfɛɛfɛ nanso emu no de, amim ne pɛsɛmenkominya ahyɛ no ma tɔ. (Mateo 23:25)
Yesu san baa Yerusalem no, ɔkɔɔ hyiadan mu hɔ. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa, siw kwan sɛ obiara mmedi gua wɔ hɔ bio. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Mʼasɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae,’ nanso mo de, mode hɔ ayɛ akorɔmfo atenae.” (Marko 11:15-17)
Yesu huu Farisini no adwene ka kyerɛɛ no se, “Mo Farisifo de, mohohoro nkuku nsanka ne mprɛte ho, nanso fi, anibere ne nnebɔne ahyɛ mo ma tɔ! (Luka 11:39)
Yesu duu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpam nnipa a na wɔredi gua wɔ hɔ no kae se, “Wɔakyerɛw se, ‘Me fi bɛyɛ mpaebɔbea; nanso mode ayɛ adwowtwafo atenae!’ ” (Luka 19:45-46)
Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforo; ne titiriw no, wɔn a wofi twetiatwasom no mu. Ɛsɛ sɛ wusiw wɔn nkyerɛkyerɛ no ano, efisɛ wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu, nam so de pɛ sika. (Tito 1:10-11)
Onyankopɔn hwehwɛ nokwaredi a edi mũ
Awurade ne nokware, ɔbonsam yɛ ɔtorofo
Awurade ne nokware
Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtena ma yehuu nʼanuonyam sɛ ɔba koro a ofi Agya no nkyɛn a adom ne nokware ahyɛ no ma. (Yohane 1:14)
Yesu buae se, “Mene ɔkwan ne nokware ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.” (Yohane 14:6)
Sɛ nokware Honhom no ba a, ɔbɛma moahu nokware no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho, na mmom nea ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo. (Yohane 16:13)
Nnansefo baasa na wɔwɔ hɔ. (1 Yohane 5:7)
Ɔbonsam yɛ ɔtorofo
Mo de, ɔbonsam ne mo agya na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifo fi mfiase. Onni nokware da efisɛ ɔnyɛ ɔnokwafo. Sɛ odi atoro a, ɛnyɛ nwonwa efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya. (Yohane 8:44)
Apam Dedaw mmara ase
Mmɔ korɔn. (2 Mose 20:15)
“ ‘Mommmɔ korɔn. “ ‘Munntwa atoro. “ ‘Na munnsisi obiara. “ ‘Monnka ntamhunu mfa ngu mo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade. “ ‘Nwia wo yɔnko na munnsisi obi. “ ‘Na mo apaafo nso, muntua wɔn ka ntɛm. Na sɛ ɛka bi bɛtɔ mo ne wɔn ntam a, mommma ade nkye so. (3 Mose 19:11-13)
“ ‘Mommfa atoro nsusuwde nsusuw, nkari anaa nkan mo biribiara. Momfa nokware nsania, nkaribo ne asusuwde a eye. Mene Awurade mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim bae no. (3 Mose 19:35-36)
“ ‘Sɛ wo ne wo yɔnko yɛ nhyehyɛe a wonam so retɔ anaa woretɔn agyapade bi a, ɛnsɛ sɛ obi sisi ne yɔnko. Sɛ woretɔ asase afi wo yɔnko nkyɛn a, mobɛkan mfe dodow no so fa afi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ a etwaa mu no. Ɔdetɔnfo no begye wo bo a egyina mfe dodow a aka ansa na mfirihyia aduonum afahyɛ a ɛreba no. Mfe no dodow na ɛma ɛbo no kɔ soro. Saa ara nso na mfe kakra bi ma ɛbo no kɔ fam. Eyinom nyinaa mu no, onipa a ɔretɔn asase no retɔn otwa dodow a wobetwa afi asase no so. Munsuro mo Nyankopɔn na obi ansisi ne yɔnko. Na mene Awurade. (3 Mose 25:14-17)
Mmɔ korɔn (5 Mose 5:19)
Sɛ mudu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no so a, munntutu mo yɔnkonom ntɔmmɛ a mo agyanom asisi no ngu. (5 Mose 19:14)
Monnkita nsania ahorow abien a baako yɛ duru na baako yɛ hare. Monnkora olonka ahorow abien a baako so na baako su wɔ mo fi. Momfa nsania ne olonka a ɛyɛ pɛpɛ na nokwaredi wɔ mu nsusuw aguade na moanya nkwanna tenten wɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so. Wɔn a wɔfa nsania bɔne ne nkontompo so kari aguade no yɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, akyiwade. (5 Mose 25:13-16)
Sɛ Bible mu nnyinasosɛm kɛse
Ɛne ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa. (Nnwom 34:13)
Ampa ara nokware na wohwehwɛ wɔ me mu. Wokyerɛ me nyansa a mu dɔ. (Nnwom 51:6)
Mommfa mo ho nto asisi so na monnhoahoa mo ho akorɔnne ho; ɛwɔ mu sɛ mo ahonya dɔɔso de, nanso mommfa mo koma nto so. (Nnwom 62:10)
Mma adɔe ne nokware mmfi wo nkyɛn fa yan wo kɔn mu kyerɛw gu wo koma pon so. (Mmebusɛm 3:3)
Mma oburu kasa mfi wʼano; mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa. (Mmebusɛm 4:24)
Onipa teta ne ohuhuni a odi atoro kyin, (Mmebusɛm 6:12)
Nneɛma asia na Awurade mpɛ, nneɛma ason na ɛyɛ nʼakyiwade: ɔdansekurumni a odi atoro ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu. (Mmebusɛm 6:16, 19)
Awurade kyi asisi nsania, na nʼani gye nokware nkaribo ho. (Mmebusɛm 11:1)
Awurade kyi ano a etwa atoro, na nʼani gye nnipa a wodi nokware ho. (Mmebusɛm 12:22)
Atreneefo kyi nea ɛnyɛ nokware, nanso amumɔyɛfo de aniwu ne ahohora ba. (Mmebusɛm 13:5)
Ɔdanseni nokwafo rennaadaa, ɔdansekurumni hwie atoro gu hɔ. (Mmebusɛm 14:5)
Ɔdanseni nokwafo gye nkwa, nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafo. (Mmebusɛm 14:25)
Anotew nye mma ɔkwasea, saa ara na ano a edi atoro mfata ɔhene. (Mmebusɛm 17:7)
Nsania ne abrammo a asisi nni mu fi Awurade; nkaribo a ɛwɔ kotoku mu no, ɔno na ɔyɛe. (Mmebusɛm 16:11)
Nkaribo ne susudua a ɛnyɛ papa no, Awurade kyi nʼabien no nyinaa. (Mmebusɛm 20:10)
Awurade kyi nkaribo a ɛnyɛ papa, na asisi nsania nso nsɔ nʼani. (Mmebusɛm 20:23)
Mmɔ ahiafo korɔn, sɛ wɔyɛ ahiafo nti, na nsisi wɔn a wonni bi wɔ asennii, efisɛ Awurade bedi wɔn asɛm ama wɔn, na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafo fa. (Mmebusɛm 22:22-23)
Ntutu tete abo a wɔde ato hye, nea wo nenanom de sisii hɔ no. (Mmebusɛm 22:28)
Ntutu tete abo a wɔde ato hye ngu, na ntra ɔhye nkɔ ayisaa mfuw mu, (Mmebusɛm 23:10)
Tɔ nokware na ntɔn da; nya nyansa, ahohyɛso ne nhumu. (Mmebusɛm 23:23)
Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na korɔn na ɔka se, “Ɛnyɛ bɔne no,” ɔne ɔsɛefo na ɛbɔ. (Mmebusɛm 28:24)
...sɛ wotiatia obi ahofadi so wɔ Ɔsorosoroni no anim a, anaa sɛ wobu obi ntɛnkyew a, Awurade renhu saa nneɛma yi ana? (Kwadwom 3:35-36)
Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni: Munni mo ho mo ho nokware. Mummu atɛntrenee wɔ mo asennii; mommmɔ pɔw bɔne ntia mo ho mo ho, na monnnɔ ntam hunu. Mikyi saa nneɛma yi nyinaa,” sɛnea Awurade se ni. (Sakaria 8:16-17)
Towgyefo a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛnyɛ dɛn?” Obuaa wɔn se, “Munnnye mmmoro nea wɔatwa ato hɔ sɛ munnye no.” Asraafo bi nso bisae se, “Yɛn nso yɛnyɛ dɛn?” Yohane buaa wɔn se, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!” (Luka 3:12-14)
Mokyerɛkyerɛ afoforo. Na adɛn nti na muntumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforo se wɔmmmɔ korɔn. Mo nso mobɔ korɔn ana? Mo a moka se aguamammɔ nye. Mo nso mobɔ aguaman ana? Mo a moka se mukyi ahoni no, mobɔ korɔn wɔ hyiadan mu ana? (Romafo 2:21-22)
Sɛ mutumi de mo ho mo ho kɔ asennii no kyerɛ sɛ moadi nkogu dedaw. Anka eye sɛ obi besisi mo anaasɛ ɔbɛyɛ mo bɔne mmom. Nanso mo ara mutwa mo ho yɛ mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo. Mo ara munim sɛ ɔdebɔneyɛni no renkɔ Onyankopɔn ahenni no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nye, anaa mo a mosom ahoni, anaa aguamammɔfo anaa mmarima a wɔne mmarima da, anaa adifudepɛfo, anaa aniberefo, anaa akɔwensafo, anaa mo a mosɛe afoforo din, anaa akorɔmfo no mu biara no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn ahenni no mu. (1 Korintofo 6:7-10)
Munnni atoro nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokware nkyerɛ ne nua, efisɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo nipadua mu. (Efesofo 4:25)
Enti munnyina pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo, (Efesofo 6:14)
Munnnidi atoro nkyerɛ mo ho mo ho, efisɛ moatow nipadua dedaw ne ne su no akyene (Kolosefo 3:9)
Na munkyi bɔne biara. (1 Tesalonikafo 5:22)
Ɛsɛ sɛ yɛkae hu sɛ wɔanyɛ mmara no amma atreneefo na mmom, wɔyɛ maa mmaratofo, nnebɔneyɛfo, wɔn a wonsuro Nyame ne abɔnefo, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho ntew, wɔn a wokum wɔn agyanom ne wɔn nanom, awudifo, afideyɛfo, aguamammɔfo, nnipawiafo, atorofo a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokware nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no. (1 Timoteo 1:9-10)
Ɛsɛ sɛ asomfo tie wɔn wuranom, na ade nyinaa mu no, wɔsɔ wɔn wuranom ani. Ɛnsɛ sɛ woyiyi nsɛm ano anaa wɔbɔ wɔn korɔn. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ papa mmere nyinaa na wodi nokware na anam so ama biribiara a wɔyɛ no de anuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho no. (Tito 2:9-10)
Na mmom monyɛ kronkron wɔ biribiara a moyɛ mu, sɛnea Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no. Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.” (1 Petro 1:15-16)
Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hu amane sɛ owudifo anaa owifo anaa odwotwafo anaa ɔsɛmpɛfo. (1 Petro 4:15)
Wɔhwehwɛ fi akannifo hɔ
Aban
Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofo na wɔyɛ nokwafo a wɔmpɛ adanmudegye, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so otemmufo. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufo du hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wobeyi atemmufo baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufo baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa du fo. Ma saa nnipa yi nni wɔn ho ni na wonni nokware daa. Asɛm biara a ɛho hia anaa ɛkyere adwene no, wɔmfa mmra wʼanim. Wɔn ankasa nhwɛ nka nsɛm nketenkete a ɛbɛba wɔn anim no. Sɛ wofa saa kwan yi so a, adwuma no bɛyɛ mmerɛw ama wo, efisɛ woakyekyɛ nnwuma no ama wɔn. (2 Mose 18:21-22)
Ɔdɔ ne nokwaredi bɔ ɔhene ho ban; nʼadɔe ma nʼahengua tim. (Mmebusɛm 20:28)
Ɔsodifo tirimɔdenfo nni adwene, na nea okyi mfaso a wɔnam ɔkwan bɔne so nya no benya nkwa tenten. (Mmebusɛm 28:16)
“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Moadu akyiri pa ara. Israel mmapɔmma! Munnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛso na monyɛ nea ɛteɛ na eye. Munnyae me nkurɔfo nsase a mugyigyei no, Otumfo Awurade asɛm ni. Ɛsɛ sɛ mode nsania ne asusude a ɛyɛ pɛ susuw ade. (Hesekiel 45:9-10)
Asafo
Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafo nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wodi nokware. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa pii anaasɛ wɔyɛ aniberefo. (1 Timoteo 3:8)
Ɛnsɛ sɛ mfomso biara ba ɔpanyin no ho, efisɛ Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomaso, anaa obi a ne bo nkyɛ fuw anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfo anaa sikaniberefo. (Tito 1:7)
Me a meyɛ ɔpanyin no, mitu asafo no mu mpanyimfo fo se, meyɛ Kristo amanehunu no ho dansefo nti nʼanuonyam a wɔbɛda no adi no bɛka me bi. Mitu mo fo se, monyɛ nguan a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no nguanhwɛfo na monhwɛ wɔn yiye sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ no. Monyɛ adwuma a monhwehwɛ ho akatua biara, na mmom pɛ ara na mopɛ sɛ moyɛ. Adom ne asomdwoe mmunkam mo so. (1 Petro 5:1-2)
Wɔhwehwɛ nokwaredi wɔ ama mu
Na moka se, ‘Adesoa duruduru!’ Na muhua no animtiaabu kwan so,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Sɛ mode mmoa a wɔapirapira, wɔyɛ mpakye anaa wɔyareyare bɛbɔ afɔre ma me a, minso mu ana?” Eyi na Awurade bisa. “Nnome nka osisifo a ɔwɔ odwennini a ɔfata wɔ ne nguankuw mu, na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde no bɛma nanso ɔde nea wadi dɛm na ɛbɔ afɔre ma Awurade. Meyɛ ɔhempɔn, na ɛsɛ sɛ wosuro me din wɔ amanaman mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni. (Malaki 1:13-14)
Ama a ɛnteɛ yɛ korɔn
“Onipa betumi abɔ Onyankopɔn korɔn ana? Nanso, mobɔ me korɔn! Na mubebisa se, ‘ɔkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔn?’ “Wɔ ntotoso du du ne afɔrebɔde mu. Nnome aba mo so, ɔman mu no nyinaa, efisɛ, morebɔ me korɔn. (Malaki 3:8-9)
Nokwaredi som bo sen ahonyade
Ohiani a ne nantew ho nni asɛm no ye sen ɔkwasea a nʼasɛm mfa kwan mu. (Mmebusɛm 19:1)
Nea onipa pɛ ne nokware dɔ; eye sɛ wobɛyɛ ohiani sen sɛ wobɛyɛ ɔtorofo. (Mmebusɛm 19:22)
Sɛ atreneefo di nkonim a, nnipa di ahurusi pii; nanso sɛ amumɔyɛfo nya tumi a nnipa kohintaw. (Mmebusɛm 28:12)
Nnipa a wodi nokware ho nhwɛso
Mose bo fuw na ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Nnye wɔn afɔrebɔde biara! Minwiaa wɔn afurum baako mpo na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.” (4 Mose 16:15)
Afei, monka nkyerɛ me, bere a migyina Awurade ne nea wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hena nantwi anaa nʼafurum na mawia? Masisi mo mu bi pɛn ana? Madi mo nya pɛn ana? Magye adanmude bi pɛn ana? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mesiesie nea manyɛ no.” Wobuaa se, “Dabi, wunsisii yɛn, na wunnii yɛn nya ɔkwan biara so, na wunnyee adanmude fua pɛ mpo.” Samuel kae se, “Awurade ne ne onipa a wasra no no yɛ me nnansefo sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔn.” Wɔn nyinaa kae se, “Ampa ara, ɛyɛ nokware!” (1 Samuel 12:3-5)
“Sɛ manantew wɔ nkontompo mu anaasɛ matu mmirika adi nnaadaasɛm akyi a, ɛno de ma afoforo nni nea madua, na ma wontutu me nnɔbae ngu. (Hiob 31:5, 8)
Ɛyɛɛ saa maa mpanyimfo no ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wobenya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammui no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomso biara, efisɛ ɔyɛ ɔnokwafo. (Daniel 6:4)
Me Nyankopɔn somaa ne bɔfo bɛkataa gyata no ano, sɛnea wɔrentumi nyɛ me bɔne, efisɛ wahu sɛ, midi bem wɔ nʼanim. Na wo, Nana nso, menyɛɛ wo bɔne biara ɛ.” (Daniel 6:22)
Wɔrenyɛ bɔne biara; wɔrenka nkontomposɛm, na wɔn ano renka nnaadaasɛm wobedidi na wɔada, na obiara renyi wɔn hu.” (Sefania 3:13)
Nhwɛso a ɛfa nnipa nokwaredi a wɔsɔ hwɛe ho
Yɛn nyinaa fi agya baako. Wo nkoa yɛ anokwafo, na yɛnyɛ akwansrafo.” Nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no se, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno nti, monyɛ eyi na moanya nkwa. Sɛ moyɛ nokwafo ampa ara a, momma mo nua baako nna afiase ha na mo a moaka no nso nkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no. Nanso nea ɛte biara no, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu mo nsɛm no mu nokware na moanwuwu.” Wɔyɛɛ nea ɔkaa no. (1 Mose 42:11, 18-20)
Nanso yebuaa no se, ‘Yɛyɛ nnipa pa, na yɛnyɛ akwansrafo. Yɛyɛ anuanom dumien a yefi agya baako. Ɔbaako afi mu. Mprempren, yɛn kaakyiri no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan.’ “Na ɔbarima a ɔhwɛ asase no so ka kyerɛɛ yɛn se, ‘Ɔkwan a mepɛ sɛ mefa so sɔ mo hwɛ ni: Munnyaw mo nuanom baako wɔ me nkyɛn ha, na monkɔtɔ aburow no bi nkɔma mo fifo a ɔkɔm rekum wɔn no. Nanso momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me. Ɛno na ɛbɛma mahu sɛ monyɛ akwansrafo na moyɛ nnipa pa. Na mede mo nua no bɛma mo, na mubetumi adi gua wɔ asase yi so.’ ” (1 Mose 42:31-34)
Nyamesofo tan nokware a wonni
Atreneefo kyi nea ɛnyɛ nokware, nanso amumɔyɛfo de aniwu ne ahohora ba. (Mmebusɛm 13:5)
Adɛn nti na Onyankopɔn hwehwɛ nokwaredi a edi mũ?
Yɛrentumi nnyɛ nkurɔfo a yɛnni nokware na yɛadɔ Onyankopɔn
Nea ne nantew teɛ no suro Awurade, na nea nʼakwan kyea no bu no animtiaa. (Mmebusɛm 14:2)
Yɛrentumi nnyɛ nkurɔfo a yɛnni nokware na yɛadɔ yɔnko
Atoro tɛkrɛma kyi wɔn a ogu wɔn ho fi, na adɛfɛdɛfɛ ano de ɔsɛe ba. (Mmebusɛm 26:28)
Mmaransɛm a ɛka se, “Nsɛe aware, nni awu, mmɔ korɔn, mma wʼani mmere ade,” eyinom ne nea ɛkeka ho nyinaa tiaatwa ara ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no nyɛ no bɔne. Sɛ wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ sɛ woadi mmara no nyinaa so. (Romafo 13:9-10)
Nokwaredi ma asɛmpaka nya gyidi
...sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronkron sɛ Onyankopɔn mma nokwafo a wɔte wiase a nkontompofo ne nnebɔneyɛfo ahyɛ mu ma tɔ no. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro (Filipifo 2:15)
Nokwaredi boa yɛn ma yɛkyerɛ yɛn asetena kwan
Mma oburu kasa mfi wʼano; mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa. Hwɛ wʼanim tee, na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so. Bɔ ɔkwan tamaa ma wʼanan na fa akwan a atim so. (Mmebusɛm 4:24-26)
Nokware a wonni a esua koraa mpo sɛe ade
“Nanso nea odi nokware wɔ kakraa bi ho no bedi nokware wɔ pii ho; na nea onni nokware wɔ kakraa bi ho no rentumi nni nokware wɔ pii ho. (Luka 16:10)
Yɛbɛyɛ dɛn aguan sɔhwɛ a ɛne sɛ yɛnni nokware?
Awurade adom ne ne tumi so
Dan me koma kɔ wʼahyɛde ho na ɛnyɛ pɛsɛmenkominya so mfaso ho. (Nnwom 119:36)
“Awurade, nneɛma abien na mehwehwɛ afi wo nkyɛn; mfa nkame me ansa na mawu: ma me ne atoro ne nnaadaasɛm ntam nware koraa; mma mennyɛ ohiani anaa ɔdefo; nanso ma me me daa aduan nkutoo. (Mmebusɛm 30:7-8)
Na mise montena ase wɔ Honhom mu, na moremma ɔhonam akɔnnɔ ho kwan. Efisɛ nea ɔhonam pɛ no tia nea Honhom no pɛ; saa ara nso na nea Honhom no pɛ no, ɔhonam no tia. Nʼabien no bɔ abira, enti ɛnsɛ sɛ moyɛ nea mopɛ. (Galatifo 5:16-17)
Sika kɔkɔɔ mmara no a yedi so
Enti sɛnea mmara no ne adiyifo no ka no, ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara. (Mateo 7:12)
Mommma obiara nhwɛ ne nko ara nʼade nko, na mmom onsusuw ne mfɛfo nso de ho bi. (Filipifo 2:4)
Awurade a yɛsuro no yiye
Wɔnam ɔdɔ ne nokware so pata bɔne; onipa nam Awurade suro so yi bɔne akwa. (Mmebusɛm 16:6)
Yɛn ho a yɛtew fi wɔn a wonni nokware ho
Me ne nnaadaafo ntena na me ne nyaatwomfo nso nni hwee yɛ. (Nnwom 26:4)
Nhyira ne onipa a ɔde Awurade yɛ nʼahotoso, nea ɔmfa nʼani nto ahomaso so, ne wɔn a wɔman di anyame huhuw akyi. (Nnwom 40:4)
Mʼani bɛkɔ anokwafo a wɔwɔ asase no so no so na me ne wɔn atena; nea ne nantew ho nni asɛm no ɔno na ɔbɛsom me. Nea ɔyɛ ɔdaadaafo biara rentena me fi; nea otwa nkontompo no rennyina mʼanim. (Nnwom 101:6-7)
Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo twetwe wo a, mma wɔn ho kwan. Sɛ wɔka se, “Bra ma yɛnkɔ; ma yɛnkɔtetɛw na yenkum obi, ma yɛnkɔtɛw ntwɛn mmɔborɔni bi; ma yɛmmemene wɔn anikann sɛ ɔda, koraa, te sɛ wɔn a wɔkɔ ɔda mu; yebenya nneɛma a ɛsom bo ahorow na yɛde asade ahyɛ yɛn afi ma; fa wo ho bɛhyɛ mu, na wubenya wo kyɛfa wɔ ahonyade no mu.” Me ba, wo ne wɔn nnantew, mfa wo nan nsi wɔn akwan so; Wɔn anan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu, na wɔde ahoɔhare ka mogya gu. (Mmebusɛm 1:10-16)
Nea ɔboa ɔkorɔmfo no haw ɔno ankasa ho. Wɔama waka ntam nti osuro sɛ obedi adanse. (Mmebusɛm 29:24)
Krataa a mekyerɛw mo no, mekaa wɔ mu se mommfa mo ho mmmɔ nguamanfo ho koraa, anaa wiase yi nguamanfo anaa aniberefo anaa akorɔmfo anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne eyinom bɔ a, na ɛsɛ sɛ wufi wiase koraa. Nea mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho se onua nanso ɔbɔ aguaman anaa ɔyɛ oniberefo anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfo. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nto nsa nnidi. (1 Korintofo 5:9-11)
“Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33)
Ama so
Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔn no gyae akrɔmmɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforo. (Efesofo 4:28)
Akontaabu nhyehyɛe a yɛde besi hɔ
Laban bisaa Yakob se, “Akatua ahe na memfa mma wo?” Yakob nso buae se, “Mma me hwee, na mmom, sɛ wobɛyɛ mʼabisade baako pɛ yi ama me de a, mɛkɔ so ayɛn wo mmoa no. Nnɛ, ma menkɔhwehwɛ wo mmoa no nyinaa mu, na minnyi oguan biara a ne ho yɛ ntokontrama, oguan ba biara a ɔyɛ tuntum ne abirekyi biara a ɔyɛ ntokontrama. Eyinom na ɛbɛyɛ mʼakatua. Eyi bɛma me nokwaredi adi me adanse, bere biara a wobɛhwehwɛ akatua a wode ama me no mu no. Sɛ wuhu abirekyi biara a ɔnyɛ ntokontrama anaa oguan biara a nʼahosu mmiri wɔ me mmoa no mu a, na ɛkyerɛ sɛ mawia wɔn afi wo de mu.” (1 Mose 30:31-33)
Dɛn na yɛnyɛ sɛ yɛanni nokware a?
San siesie yɛne Awurade ntam
...sɛ obi ani ba ne ho so wɔ eyinom biara mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka ne bɔne a wayɛ. Ɛsɛ sɛ ɔde oguammere anaa abirekyibere bɔ afɔre ma Awurade wɔ ne bɔne ho asotwe ho. Ɔsɔfo na ɔbɛbɔ onipa ko no bɔne no ho afɔre ama no. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama no. (3 Mose 5:5-6)
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɛ obi yɛ bɔne tia me, sɛ ebia, ɔbɛdaadaa ne yɔnko wɔ biribi a wɔde ahyɛ ne nsa anaa ade a wɔawia na wɔde abegyaw no no ho, anaasɛ osisi ne yɔnko, anaa otu ahu na ɔka ntam san wɔ ho se dekode no nni ne nkyɛn a, sɛ obi yɛ bɔne na odi ho fɔ a, ɔbɛsan de ne akorɔnne no anaa ne tintimgye ade anaa nea wɔde maa no siei anaa agyapade a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa ade a ayera no aba, biribiara a waka ho ntamhunu no nso, ɔbɛsan de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ɛyɛ ne de no wɔ da a ɔrebɔ afɔdi ho afɔre no. Na ɔsɔfo no de no bɛyɛ mpata ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.” (3 Mose 6:1-5, 7)
Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnte nyinaa ho. (1 Yohane 1:9)
San siesie yɛne nea yɛhaw no ntam
Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso, na nea ɔka ne bɔne na ogyae yɛ no nya ahummɔbɔ. (Mmebusɛm 28:13)
Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpae mma mo ho mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsa mo yare. Onipa trenee mpaebɔ tumi yɛ nneɛma bebree. (Yakobo 5:16)
San fa biribiara a yɛwiae no ma
“Sɛ obi kowia nantwi anaa oguan na okum no anaa ɔtɔn no a, ɔde anantwi anum besi nantwi baako anan mu. Na ɔde nguan anan asi oguan baako biara anan mu. “Sɛ wohu ɔkorɔmfo sɛ ɔrewura ofi bi mu anadwo na wokum no a, nea okum no no nni fɔ. Na sɛ asɛm no si awia de a, wɔmfa no sɛ ɛyɛ awudi enti onipa a okum ɔkorɔmfo no di fɔ. “Sɛ mokyere ɔkorɔmfo bi a, momma ontua nneɛma a wawia no nyinaa ho ka na sɛ wantumi antua a, montɔn no sɛ akoa mfa no ntua ka no. Sɛ mokyere no sɛ ɔrewia nantwi anaa afurum anaa oguan a onwui anaa biribi foforo bi a, mommɔ no dekode a owiae no ho ka mpemanim. (2 Mose 22:1-4)
“Sɛ obi ma ɔfoforo sika anaa ade foforo bi sɛ ɔmfa nsie mma no na wowia na sɛ wɔkyere ɔkorɔmfo no a, obetua ne mpemanim. Na sɛ wɔankyere ɔkorɔmfo no a, wɔde onipa a wɔde agyapade no hyɛɛ ne nsa no bɛba Onyankopɔn anim abɛhwehwɛ sɛ ɔno ankasa na owiaa ne yɔnko no anaasɛ ɛnyɛ ɔno. Sɛ ɛba sɛ nantwi, afurum, oguan, ntama anaa biribi foforo bi yera na nea nʼade ayera no de nʼani kari obi sɛ ɔno na wafa dekode no, na onii no san se ɛnyɛ ɔno na wafa a, ɛsɛ sɛ wɔde nnipa baanu no nyinaa ba Onyankopɔn anim ma ɔhwehwɛ mu. Ɔhwehwɛ mu na nea obedi fɔ no, obetua ade a ɛyerae no ho ka mmɔho abien ama ɔbaako no. (2 Mose 22:7-9)
“Sɛ obi fɛm aboa bi anaa biribi foforo bi fi ne yɔnko nkyɛn na sɛ aboa no wu anaa opira, bere a ne wura no nni hɔ a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔfɛm saa aboa no tua ka. (2 Mose 22:14)
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɛ obi yɛ bɔne tia me, sɛ ebia, ɔbɛdaadaa ne yɔnko wɔ biribi a wɔde ahyɛ ne nsa anaa ade a wɔawia na wɔde abegyaw no no ho, anaasɛ osisi ne yɔnko, anaa otu ahu na ɔka ntam san wɔ ho se dekode no nni ne nkyɛn a, sɛ obi yɛ bɔne na odi ho fɔ a, ɔbɛsan de ne akorɔnne no anaa ne tintimgye ade anaa nea wɔde maa no siei anaa agyapade a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa ade a ayera no aba, biribiara a waka ho ntamhunu no nso, ɔbɛsan de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ɛyɛ ne de no wɔ da a ɔrebɔ afɔdi ho afɔre no. (3 Mose 6:1-5)
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima o, ɔbea o, odi Awurade huammɔ a, ɛyɛ bɔne. Ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne na ade a owiae no, otua ho ka nyinaa na ɔsan de ɛho ka no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho de ma onipa ko a ɔbɔɔ no korɔn no. Na sɛ onipa ko a wɔyɛɛ no bɔne no awu na onni obusuani biara a ɔbɛn no a wobetua ho ka ama no, na ɛsɛ sɛ wotua ma ɔsɔfo a, ɛsɛ sɛ wɔde odwennini ka ho sɛ mpatade. Ɛyɛ Awurade de. (4 Mose 5:5-8)
Dawid tee asɛm no, ne bo fuw saa ɔbarima no yiye, na ɔka kyerɛɛ Natan se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wu. Ɛsɛ sɛ otua oguan bere no ka mmɔ ho anan sɛ ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔbɔ biara.” (2 Samuel 12:5-6)
Nnipa mmu ɔkorɔmfo a wakowia ade animtiaa sɛ ɔkɔm de no na ɔde rekodwudwo ano nti. Mmom, sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ otua mmɔho ason; sɛ ɛbɛma wahwere ne fi agyapade nyinaa mpo a. (Mmebusɛm 6:30-31)
Na sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Owu na wubewu,’ na afei ɔdan fi ne nnebɔne ho na ɔyɛ nea eye na ɛteɛ, na sɛ ɔsan de bosea ho awowaside ma, na ɔsan de nea wawia ma, na odi ahyɛde a ɛma nkwa so, na wanyɛ bɔne a, ampa ara obenya nkwa, na ɔrenwu. Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ nea eye na ɛteɛ, ampa ara obenya nkwa. (Hesekiel 33:14-16)
Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae se, “Awurade, nnɛ, mede mʼahode mu fa kyɛ ahiafo, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, metua mmɔho anan ama no.” (Luka 19:8)
Nhyira ne nnome
Nhyira a wɔahyɛ nokwaredifo bɔ
Abusuabɔ a ɛbɛn Awurade ho nhyira
Dawid dwom. Awurade, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so? Nea ne ho nni asɛm na ɔyɛ nea ɛteɛ, nea ɔka nokware a efi ne koma mu na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa nea ɔnyɛ ne yɔnko bɔne na ommu ne yɔnko nipa abomfiaa, nea obu afideyɛni animtiaa na ɔde nidi ma wɔn a wosuro Awurade, nea odi ne ntam so, bere a etia no mpo, (Nnwom 15:1-4)
Hena na obetumi aforo Awurade bepɔw no? Hena na obetumi agyina ne tenabea kronkron hɔ? Nea ɔyɛ ade trenee na ne koma mu tew, nea ne kra nni ahoni akyi na ɔnka ntamhunu. (Nnwom 24:3-4)
Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa. (Nnwom 145:18)
Mma adɔe ne nokware mmfi wo nkyɛn fa yan wo kɔn mu kyerɛw gu wo koma pon so. Na wubenya adom ne din pa wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim. (Mmebusɛm 3:3-4)
...efisɛ Awurade kyi basabasayɛfo na ɔde ne werɛ hyɛ ɔtreneeni mu. (Mmebusɛm 3:32)
Awurade kyi ano a etwa atoro, na nʼani gye nnipa a wodi nokware ho. (Mmebusɛm 12:22)
“Wowɔ sida bebree a na ɛma woyɛ ɔhene ana? Na wʼagya nni aduan ne nsa ana? Ɔyɛɛ nea ɛfa ne kwan mu na ɛteɛ, enti esii no yiye. Odii mmɔborɔfo ne ahiafo nsɛm maa wɔn, enti biribiara yɛɛ yiye maa no. Na ɛnyɛ eyi na ɛkyerɛ sɛ obi nim me ana?” Awurade na ose. “Mo ani ne mo koma wɔ mfaso bɔne nko ara so, sɛ muhwie mogya a edi bem gu na moyɛ nhyɛso ne asisi nso.” (Yeremia 22:15-17)
Ahobammɔ ho nhyira
Ɔkora nkonimdi ma wɔn a wɔteɛ, ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ, (Mmebusɛm 2:7)
Ɔnokwafo nantew dwoodwoo, na nea ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi. (Mmebusɛm 10:9)
Nea ehia a wonya ho nhyira
Nea ɔnantew trenee mu na odi nokware nea ɔpo mfaso a asisi de ba na onnye adanmude, nea ontie awudi ho pɔwbɔ nea ɔmpɛ sɛ ohu bɔneyɛ ho agyinatu, saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ, ne guankɔbea bɛyɛ bepɔw aban no. Wɔde nʼaduan bɛma no na ne nsu remmɔ no. (Yesaia 33:15-16)
Nhyira wɔ abusua so
Ɔtreneeni bu ɔbra kronkron; nhyira nka ne mma a wɔba wɔ nʼakyi. (Mmebusɛm 20:7)
Anigye ho nhyira
Ɔkwan bɔne so ahonya nni bo, nanso trenee gye onipa fi owu mu. (Mmebusɛm 10:2)
Nkwa ho nhyira
Monnkita nsania ahorow abien a baako yɛ duru na baako yɛ hare. Monnkora olonka ahorow abien a baako so na baako su wɔ mo fi. Momfa nsania ne olonka a ɛyɛ pɛpɛ na nokwaredi wɔ mu nsusuw aguade na moanya nkwanna tenten wɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so. (5 Mose 25:13-15)
Mo mu hena na ɔpɛ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa bebree? Ɛne ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa. (Nnwom 34:12-13)
Ano a ɛka nokware no tim hɔ daa, na atoro tɛkrɛma renkyɛ koraa. (Mmebusɛm 12:19)
Na sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Owu na wubewu,’ na afei ɔdan fi ne nnebɔne ho na ɔyɛ nea eye na ɛteɛ, na sɛ ɔsan de bosea ho awowaside ma, na ɔsan de nea wawia ma, na odi ahyɛde a ɛma nkwa so, na wanyɛ bɔne a, ampa ara obenya nkwa, na ɔrenwu. Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ nea eye na ɛteɛ, ampa ara obenya nkwa. (Hesekiel 33:14-16)
Nnipa obu ho nhyira
Mma adɔe ne nokware mmfi wo nkyɛn fa yan wo kɔn mu kyerɛw gu wo koma pon so. Na wubenya adom ne din pa wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim. (Mmebusɛm 3:3-4)
Nkɔso ho nhyira
Ahonya bebree wɔ ɔtreneeni fi, nanso amumɔyɛfo adenya de ɔhaw brɛ wɔn. (Mmebusɛm 15:6)
Nhyira ma akannifo
Ɔsodifo tirimɔdenfo nni adwene, na nea okyi mfaso a wɔnam ɔkwan bɔne so nya no benya nkwa tenten. (Mmebusɛm 28:16)
Nnome a wɔakora ama wɔn a wonni nokware
Nnome a ɛne sɛ wɔtan wo/wɔtew wo fi Onyankopɔn ho
Monnkita nsania ahorow abien a baako yɛ duru na baako yɛ hare. Monnkora olonka ahorow abien a baako so na baako su wɔ mo fi. Momfa nsania ne olonka a ɛyɛ pɛpɛ na nokwaredi wɔ mu nsusuw aguade na moanya nkwanna tenten wɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so. Wɔn a wɔfa nsania bɔne ne nkontompo so kari aguade no yɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, akyiwade. (5 Mose 25:13-16)
Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; Awurade kyi mogyapɛfo ne asisifo. (Nnwom 5:6)
...efisɛ Awurade kyi basabasayɛfo na ɔde ne werɛ hyɛ ɔtreneeni mu. (Mmebusɛm 3:32)
Nneɛma asia na Awurade mpɛ, nneɛma ason na ɛyɛ nʼakyiwade: ɔdansekurumni a odi atoro ne onipa a ɔde mpaapaemu ba anuanom mu. (Mmebusɛm 6:16, 19)
Awurade kyi ano a etwa atoro, na nʼani gye nnipa a wodi nokware ho. (Mmebusɛm 12:22)
Adansekurumni benya asotwe, na nea otwa nkontompo no bɛyera. (Mmebusɛm 19:9)
Ne nnebɔne adifudepɛ maa me bo fuwii; metwee nʼaso, na mede abufuw yii mʼani, nso ɔkɔɔ so yɛɛ nea ne koma pɛ. (Yesaia 57:17)
Nanso mo amumɔyɛ na atetew mo ne mo Nyankopɔn ntam; mo bɔne ama nʼanim ahintaw mo, a enti ɔrente. Na mogya akeka mo nsa ho, afɔdi asra mo nsateaa ho. Mo ano akeka atosɛm, mo tɛkrɛma de amumɔyɛsɛm di nseku. Obiara nhwehwɛ atɛntrenee; obiara mfa nokwaredi mmɔ ne nkurow. Wɔde wɔn ho to nsɛnhuhuw so na wotwa nkontompo; wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne. (Yesaia 59:2-4)
Asotwe/atemmu ho nnome
“Nnome nka obiara a opia ɔhye nam so bɔ ne yɔnko korɔn.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” (5 Mose 27:17)
Nanso ɔhene bedi ahurusi wɔ Onyankopɔn mu; wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, na wobemua atorofo ano. Wɔde ma dwonkyerɛfo. (Nnwom 63:11)
Awurade kyi ano a etwa atoro, na nʼani gye nnipa a wodi nokware ho. (Mmebusɛm 12:22)
Awurade kyi amumɔyɛfo nsusuwii, nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronkron no de. (Mmebusɛm 15:26)
Adansekurumni benya nʼakatua, na nea otwa nkontompo remfa ne ho nni. (Mmebusɛm 19:5)
Aduan a wonya no ɔkwan bɔne so no yɛ onipa anom dɛ, nanso akyiri no, ɛdan mmosea wɔ nʼanom. (Mmebusɛm 20:17)
Ne nnebɔne adifudepɛ maa me bo fuwii; metwee nʼaso, na mede abufuw yii mʼani, nso ɔkɔɔ so yɛɛ nea ne koma pɛ. (Yesaia 57:17)
Sɛnea nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no saa ara na asisi ahyɛ wɔn afi amaama; wɔayeyɛ adefo anyinya tumi, na wɔadodɔ srade ama wɔn ho ayɛ hanahana. Wɔn amumɔyɛsɛm no nni awiei; wɔnnka ayisaa asɛm mma wonni bem, na wɔmmɔ ahiafo tumi ho ban. Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyinom ho ana?” Sɛɛ na Awurade se. “Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sɛɛ so were ana? (Yeremia 5:27-29)
“Wosiesie wɔn tɛkrɛma te sɛ agyan de di atoro; Ɛnyɛ nokware so na wɔnam di yiye wɔ asase yi so. Wɔyɛ bɔne toatoa so; na wonnye me nto mu,” Awurade na ose. “Monhwɛ yiye wɔ mo nnamfonom ho; munnye obiara nni wɔ mo abusua mu. Efisɛ wɔn mu biara yɛ ɔdaadaafo, na adamfo biara yɛ ɔsɛefo. Adamfo daadaa adamfo, na wɔn mu biara nka nokware. Wɔn tɛkrɛma akokwaw atorodi mu, wɔde bɔneyɛ haw wɔn ho. Wote nnaadaa mfimfini; na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wogye me to mu,” sɛnea Awurade se ni. Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade se, “Hwɛ, mɛnan wɔn asɔ wɔn ahwɛ, na dɛn bio na metumi ayɛ esiane me nkurɔfo yi bɔne nti? Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ bɔre; ɛka nnaadaasɛm. Obiara kasa asomdwoe mu kyerɛ ne yɔnko, nanso ne koma mu de, osum no afiri. Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyi ho?” Sɛɛ na Awurade se. “Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ ɔman a ɛte sɛɛ so were ana? (Yeremia 9:3-9)
“ ‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisi ahonya ne mogya a woahwie agu no so. Wʼakokoduru betumi agyina anaasɛ wo nsa bɛyɛ den da a mene wo benya no ana? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ. Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawie. (Hesekiel 22:13-15)
Nʼadwumayɛfo te sɛ mpataku a wɔretetew wɔn hanam mu; wohwie mogya gu na wokum nnipa de pɛ mfaso bɔne. Nʼadiyifo nam atoro anisoadehu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se,’ wɔ bere a Awurade nkasaa ɛ. Asase no so nnipa di amim na wɔbɔ korɔn; wɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so, wonnye ahɔho ani na wɔde atɛntrenee kame wɔn. “Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasu no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛnea ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhu obiara. Ɛno nti, mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so, na mede mʼabufuw a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama nea wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn ti so, Otumfo Awurade asɛm ni.” (Hesekiel 22:27-31)
Yuda sodifo no te sɛ wɔn a woyiyi ahye so abo. Mehwie mʼabufuw agu wɔn so te sɛ nsuyiri. (Hosea 5:10)
Muntie saa asɛm yi, mo a mutiatia mmɔborɔfo so, na mopam ahiafo fi wɔn asase so, na moka se, “Bere bɛn na ɔsram foforo betwa mu ama yɛatɔn aduan, na Homeda bɛba awiei ama yɛadi awi gua?” Sɛ mobɛhyɛ susukoraa mu na moatoto ɔbo so na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfo, na mode dwetɛ atɔ ahiafo na mmɔborɔfo nso moatɔn wɔn agye mpaboa, na moapra awi ase afra awi mu atɔn. Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam se: “Me werɛ remfi biribiara a wɔayɛ da. “Asase renwosow wɔ nea asi yi ho ana, na wɔn a wɔte mu nyinaa rentwa adwo ana? Asase no nyinaa bɛma ne ho so te sɛ Nil ebubu afa so, na asan atwe bio te sɛ Misraim asubɔnten.” Sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Saa da no, mɛma owia atɔ owigyinae, na mama sum aduru asase so awia ketee. Mɛdan mo nyamesom aponto ama ayɛ awerɛhowdi na mo nnwonto nyinaa adan osu. Mɛma mo nyinaa afura atweaatam na mayi mo tinwi. Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba koro ho awerɛhowdida na awiei no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwen. (Amos 8:4-10)
Mo amumɔyɛfo, menkɔ so mma me werɛ mfi mo ahonya a monam asisi so apɛ, ne nkontompo susukoraa a ɛde nnome ba no ana? Minnyae onipa a okura nsania a wɔamia mu, ne asisi nkaribo na ɔmfa ne ho nni ana? Adefo a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm; mo nkurɔfo no yɛ atorofo na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm. Ɛno nti, mafi ase resɛe mo, Mo bɔne ahorow nti, mɛsɛe mo. Mubedidi, nanso moremmee; ɔkɔm bɛkɔ so ade mo. Mobɛboaboa ano, nanso ɛrenkosi hwee, efisɛ mede nea moakora no bɛma afoa. Mubedua nanso morentwa. Mubekyi ngodua mu ngo, nanso morensra bi, mubetiatia bobe so, nanso morennom nsa a mubenya afi mu no bi. Moadi Omri mmara so. Moayɛ nea wɔyɛɛ wɔ Ahab fi. Moasua wɔn nneyɛe no bi, ɛno nti mɛma ɔsɛe aba mo so. Wɔbɛserew mo nkurɔfo; na amanaman bebu mo animtiaa.” (Mika 6:10-16)
Yesu fii hɔ no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa gui. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Mʼasɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae.’ Nanso mo de, mode hɔ ayɛ adwowtwafo atenae.” (Mateo 21:12-13)
Yesu duu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpam nnipa a na wɔredi gua wɔ hɔ no kae se, “Wɔakyerɛw se, ‘Me fi bɛyɛ mpaebɔbea; nanso mode ayɛ adwowtwafo atenae!’ ” (Luka 19:45-46)
Owu/ɔsɛe ho nnome
Israel ayɛ bɔne. Wɔabu mʼapam no so. Wɔawia nneɛma a mehyɛɛ sɛ wonnyaw mma me no. Na ɛnyɛ sɛ wɔawia nko, na mmom, wɔatwa ho nkontompo de asie wɔn nneɛma mu. Onipa a wawia nneɛma a anka ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no, wɔbɛhyew no ne nʼagyapade nyinaa, efisɛ wabu Awurade apam no so na wayɛ nea ɛmfra koraa wɔ Israel.’ ” Yosua bisaa Akan se, “Adɛn nti na wode saa ɔhaw yi abrɛ yɛn? Wo nso, Awurade de ɔhaw bɛbrɛ wo.” Na Israelfo nyinaa siw Akan ne nʼabusuafo abo, hyew wɔn amu no. (Yosua 7:11, 15, 25)
Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; Awurade kyi mogyapɛfo ne asisifo. (Nnwom 5:6)
Wʼani gye bɔne ho sen papa, wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nokware. Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, wo tɛkrɛma daadaafo! Ampa ara Onyankopɔn de ɔsɛe a enni awiei bɛbrɛ wo; ɔbɛtwe wo afi wo ntamadan mu na watetew wo mu; Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefo asase so. (Nnwom 52:3-5)
Saa na wɔn a wodi akorɔnne akyi no awiei te; ɛma wɔhwere wɔn nkwa! (Mmebusɛm 1:19)
Onipa teta ne ohuhuni a odi atoro kyin, Ɛno nti amanehunu bɛba no so prɛko pɛ; wɔbɛsɛe no mpofirim, a wɔrenya ano aduru. (Mmebusɛm 6:12, 15)
Ano a ɛka nokware no tim hɔ daa, na atoro tɛkrɛma renkyɛ koraa. (Mmebusɛm 12:19)
Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no, ɛyɛ omununkum a etwa mu kɔ, na ɛsan yɛ owu afiri. (Mmebusɛm 21:6)
Nea odua amumɔyɛsɛm no twa ɔhaw na wɔbɛsɛe nʼabufuwhyew abaa. (Mmebusɛm 22:8)
Mmɔ ahiafo korɔn, sɛ wɔyɛ ahiafo nti, na nsisi wɔn a wonni bi wɔ asennii, efisɛ Awurade bedi wɔn asɛm ama wɔn, na wafom afa wɔn a wɔfom ahiafo fa. (Mmebusɛm 22:22-23)
“Mo ani ne mo koma wɔ mfaso bɔne nko ara so, sɛ muhwie mogya a edi bem gu na moyɛ nhyɛso ne asisi nso.” Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho: “Wɔrensu no: ‘A, me nuabarima! A, me nuabea!’ Wɔrensu no: ‘A, me wura! A, nʼahoɔfɛ!’ Wobesie no sɛ afurum, wɔbɛtwe nʼase na wɔatow no akyene Yerusalem apon akyi.” (Yeremia 22:17-19)
“Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a odi akakabensɛm na ohwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a (ɛwɔ mu, agya no nyɛɛ eyinom mu biara ɛ): “Odidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu. Ogu ne yɔnko yere ho fi. Ɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so. Ɔbɔ korɔn. Ɔmmfa boseagyefo awowaside mma no. Ɔde ne ho to abosom so. Ɔyɛ akyiwade. Ɔbɔ bosea gye nsiho na ogye mfɛntom mmoroso. Saa onipa yi benya nkwa ana? Dabi da! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwade yi nyinaa nti, ampa ara wobekum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa ti so. Nanso nʼagya no bewu wɔ ɔno ara bɔne nti, efisɛ osisii nnipa, bɔɔ ne yɔnko korɔn, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfo mu. (Hesekiel 18:10-13, 18)
Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapade bi. Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wonyae no bi siei, na wɔde nkae no brɛɛ asomafo no. Petro bisaa no se, “Anania, adɛn nti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atoro akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wunyaa no bi asie? Ansa na worebɛtɔn agyapade no na ɛnyɛ wʼankasa wo de; wotɔn wiee no nso sika a wunyae no, na ɛnyɛ wo de; na adɛn nti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ nea woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na mmom woadi atoro akyerɛ Onyankopɔn.” Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, otwa hwee fam wui; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm no. Wɔn mu mmerante no ba bɛkyekyeree amu no fii adi kosiee no. Ɛbɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, ne yere a na onnim asɛm a asi no baa hɔ. Petro bisaa no se, “Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a munyae nyinaa ara ni? Ka kyerɛ me.” Obuaa se, “Yiw ne nyinaa ne no.” Petro ka kyerɛɛ no se, “Adɛn nti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wokosiee wo kunu no gyina ɔpon yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akosie wo.” Amono mu hɔ ara, otwa hwee Petro anim wui. Mmerante no behuu sɛ wawu no, wɔsoaa no kosiee no wɔ ne kunu nkyɛn. (Asomafo 5:1-10)
Nnome wɔ abusua so
Odifudepɛfo de ɔhaw brɛ nʼabusua, nanso nea okyi kɛtɛasehyɛ no benya nkwa. (Mmebusɛm 15:27)
Mede wɔn yerenom bɛma mmarima afoforo ne wɔn mfuw nso ama afoforo. Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya; adiyifo ne asɔfo te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifo. (Yeremia 8:10)
Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no, efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ. Wɔn ani bere mfuw, na wogye. Na afi nso wɔfa. Wɔde nyansakorɔn gye nkurɔfo afi, na wɔn agyapade nso wogye. Enti, sɛnea Awurade se ni, “Meredwene amanehunu a etia saa nkurɔfo yi ho na worentumi nyi wo ho mfi mu. Worentumi nnantew ahantan so bio, efisɛ ɛbɛyɛ bere bɔne. (Mika 2:1-3)
Nnome wɔ agyapade so
...nanso mo agya nam asisi kwan so asesa mʼakatua mu mpɛn du. Nanso eyi nyinaa akyi no, Onyankopɔn amma no kwan amma wanyɛ me bɔne. Ɔkwan a Onyankopɔn nam so agye mo agya nsam nyɛmmoa no de wɔn ama me ama mayɛ ɔdefo no ne no. (1 Mose 31:7, 9)
Ɔkwan bɔne so ahonya nni bo, nanso trenee gye onipa fi owu mu. (Mmebusɛm 10:2)
Ahonya a ɛnam ɔkwammɔne so no hwere ntɛm so, na nea ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso. (Mmebusɛm 13:11)
Wɔbɛdan wɔn afi ama afoforo, wɔn mfuw ne wɔn yerenom bɛka ho; sɛ meteɛ me nsa wɔ wɔn a wɔte asase no so a,” sɛnea Awurade se ni. “Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya; adiyifo ne asɔfo te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifo. (Yeremia 6:12-13)
Sɛnea asɛmɛntɛ a osow nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee no, saa ara na onipa a onya sika a ɔmfa ɔkwan pa so no te. Sɛ obu ne nkwa nna mu abien a wobegyaw no mu, na awiei no, ne kwasea bɛda adi. (Yeremia 17:11)
“Sɔre, na porow, Ɔbabea Sion, mɛma wo dade mmɛn; mɛma wo kɔbere tɔte na wubebubu aman bebree mu nketenkete.” Wode wɔn mfaso a wɔampɛ no ɔkwan pa so bɛbrɛ Awurade, wode wɔn ahonyade bɛbrɛ asase nyinaa so wura. (Mika 4:13)
Ahantan ho nnome
Nea odua amumɔyɛsɛm no twa ɔhaw na wɔbɛsɛe nʼabufuwhyew abaa. (Mmebusɛm 22:8)
Nnome wɔ ɔkannifo nkurɔfo so
Sɛ ɔsodifo tie nkontomposɛm a, nʼadwumayɛfo nyinaa bɛyɛ amumɔyɛfo. (Mmebusɛm 29:12)
Daa nnome
Nanso ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyiwadeyɛfo ne awudifo ne nguamanfo ne asumanfo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw wɔ mu no mu. Ɛno ne owuprenu no.” (Adiyisɛm 21:8)
Nanso biribiara a ɛho ntew nkɔ kurow no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwude anaa otwa atoro nkɔ mu. Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguamma no nkwa nhoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kurow no mu. (Adiyisɛm 21:27)
Na Kurow no akyi na akraman ne asumanfo ne nguamanfo ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi atoro no nyinaa wɔ. (Adiyisɛm 22:15)
Nnome ahorow
“Nnome nka obiara a opia ɔhye nam so bɔ ne yɔnko korɔn.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” (5 Mose 27:17)
Aduan a wonya no ɔkwan bɔne so no yɛ onipa anom dɛ, nanso akyiri no, ɛdan mmosea wɔ nʼanom. (Mmebusɛm 20:17)
Nnome nka mogya kuropɔn a atoro ne korɔn ahyɛ no ma na amanehunufo mpa mu da! (Nahum 3:1)
Nnipa adwene sɛ Onyankopɔn ntwe nokware a wonni aso
“Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛ bere mma atemmu? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wonim no no hwɛ saa da no anim nanso ɛmma da? Nnipa yiyi abo a wɔde ato ɔhye; na wɔde nguankuw a wɔawia kɔ hɔ adidi. Wɔn a wɔrewuwu no apinisi fi kuropɔn no mu, na apirafo kra su pɛ mmoa. Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so. (Hiob 24:1-2, 12)
Adanmude
Nnipa ma adanmude
Adanmude yɛ adwuma
Nea ɔma adanmude no hu sɛ ɛyɛ suman; osusuw sɛ nkonimdi bɛba bere biara. (Mmebusɛm 17:8)
Kokoa mu adekyɛ dwudwo koma, kɛtɛasehyɛ nso pata abufuwhyew. (Mmebusɛm 21:14)
Abɔnefo ma adanmude
Mfa me kra nka nnebɔneyɛfo de ho nkɔ, ne me nkwa nka mogyapɛfo de ho, wɔn a amumɔyɛ nhyehyɛe wɔ wɔn nsam na adanmude ayɛ wɔn nsa nifa ma. (Nnwom 26:9-10)
Omumɔyɛfo gye adanmude wɔ sum ase de kyea atɛntrenee. (Mmebusɛm 17:23)
Wɔn a wɔmaa adanmude ho nhwɛso
Nanso na ne mmabarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibere, gyigyee adanmude, san buu ntɛnkyew. (1 Samuel 8:3)
Wo sodifo yɛ atuatewfo, akorɔmfo yɔnkonom; wɔn nyinaa pɛ adanmude, na wɔpere akyɛde ho. Wonni mma ayisaa; na akunafo nsɛm nkɔ wɔn anim. (Yesaia 1:23)
Nsa abien no nyinaa akokwaw bɔneyɛ mu; ɔsodifo bisa akyɛde, otemmufo gye adanmude, wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ nea wɔpɛ, wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumɔyɛ ho. (Mika 7:3)
Bere a mmea no rekɔ kurow no mu no, awɛmfo a wɔwɛn ɔda no mu bi kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn kɔkaa nea asi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. Yudafo mpanyin no nyinaa hyiae, na wosii no gyinae se, wɔbɛma awɛmfo no sika aka akyerɛ wɔn se, “Monka se, ‘Anadwo a yɛdae no na nʼasuafo no ba bewiaa amu no kɔe.’ ” Wɔhyɛɛ awɛmfo no bɔ se, “Sɛ ɛba sɛ amrado te ɛho asɛm a, yebedi mo adanse sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee.” Eyi nti awɛmfo no gyee sika no kɔyɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkae no trɛw faa Yudafo no mu nyinaa na wogye dii de besi nnɛ. (Mateo 28:11-15)
Paulo reka trenee, ahohyɛso ne atemmuda ho asɛm no, Felike suroe, enti ɔkae se, “Kɔ! Akyiri no, sɛ minya adagyew a, mɛsoma abɛfrɛ wo.” Na Felike ani da so sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no, ɛno nti na ɔma wɔtaa kɔfrɛ no ntiantia mu ba ne nkyɛn ne no bɔ nkɔmmɔ no. (Asomafo 24:25-26)
Ahyɛde sɛ mfa wo ho nhyɛ adanmude mu
“Munnye adanmude na adanmudegye fura onipa ani. Adanmudegye ma nea nʼasɛm yɛ dɛ no asɛm sɛe. (2 Mose 23:8)
Mummmu ntɛnkyew anaa monnhwɛ nnipa anim mmu atɛn. Monnnye adanmude, efisɛ adanmude fura onyansafo ani ma ɔdan nea odi bem no asɛm ani. (5 Mose 16:19)
Adanmude sɛe nnipa
Asisi ma onyansafo dan ɔkwasea, na kɛtɛasehyɛ sɛe koma. (Ɔsɛnkafo 7:7)
Awurade a ɔnnye adanmude ho nhwɛso
Na Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kɛse, otumfo ne ɔnwonwani a ɔnkyea nʼaso na onnye adanmude nso. (5 Mose 10:17)
Ɛnsɛ sɛ akannifo gye adanmude
Munsuro Awurade, na mummu atɛntrenee, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, kyi ntɛnkyew, nhwɛanim ne kɛtɛasehyɛ.” (2 Beresosɛm 19:7)
Ɔhene nam atɛntrenee so ma ɔman no asomdwoe, nanso nea ɔde adifudepɛ gye adanmude no bɔ ɔman no. (Mmebusɛm 29:4)
Wɔn a wɔannye adanmude ho nhwɛso
Afei, monka nkyerɛ me, bere a migyina Awurade ne nea wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hena nantwi anaa nʼafurum na mawia? Masisi mo mu bi pɛn ana? Madi mo nya pɛn ana? Magye adanmude bi pɛn ana? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mesiesie nea manyɛ no.” Wobuaa se, “Dabi, wunsisii yɛn, na wunnii yɛn nya ɔkwan biara so, na wunnyee adanmude fua pɛ mpo.” Samuel kae se, “Awurade ne ne onipa a wasra no no yɛ me nnansefo sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔn.” Wɔn nyinaa kae se, “Ampa ara, ɛyɛ nokware!” (1 Samuel 12:3-5)
So maka pɛn se, ‘Me nti momma biribi, sɛ mumfi mo ahode mu ntua me ti so sika, (Hiob 6:22)
Nhyira ne nnome
Wɔn a wɔma adanmude no wɔadome wɔn
“Nnome nka obiara a ogye apaade, kum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!” (5 Mose 27:25)
Mo a mugye adanmude, na mugyaa nea odi fɔ na mubu nea odi bem no fɔ. (Yesaia 5:23)
Wo mu na nnipa gye adanmude ka mogya gu; wogye nsiho ne mfaso a ɛboro so fi wɔn mfɛfo nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afi me, Otumfo Awurade na ose. “ ‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisi ahonya ne mogya a woahwie agu no so. Wʼakokoduru betumi agyina anaasɛ wo nsa bɛyɛ den da a mene wo benya no ana? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ. Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawie. (Hesekiel 22:12-15)
Mutiatia ohiani so na mohyɛ no gye aduan fi ne nkyɛn. Enti ɛwɔ mu sɛ mode abo a wɔatwa asisi afi akɛse de, nanso morentena mu; ɛwɔ mu sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ de nanso morennom mu nsa. Na minim mo mmarato dodow ne mo bɔne akɛse no. Mohyɛ atreneefo so na mugye adanmude mubu ahiafo ntɛnkyew wɔ asennii. (Amos 5:11-12)
Nʼakannifo no gye adanmude ansa na wobu atɛn, nʼasɔfo gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ, nʼadiyifo de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ. Nanso wɔdan Awurade, na wɔka se, “Awurade nni yɛn ntam ana? Ɔhaw biara remma yɛn so.” Na mo nti, wobefuntum Sion te sɛ afuw, Yerusalem bɛyɛ nnwiriwii siw, na asɔredan no pampa bɛyɛ nkɔmoa so nkyɛkyerɛ. (Mika 3:11-12)
Wɔn a wɔmma adanmude no wɔahyira wɔn
Dawid dwom. Awurade, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so? nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsiho na onnye adanmude ntia nea odi bem. Nea ɔyɛ eyinom no renhinhim da. (Nnwom 15:1, 5)
Odifudepɛfo de ɔhaw brɛ nʼabusua, nanso nea okyi kɛtɛasehyɛ no benya nkwa. (Mmebusɛm 15:27)
Nea ɔnantew trenee mu na odi nokware nea ɔpo mfaso a asisi de ba na onnye adanmude, nea ontie awudi ho pɔwbɔ nea ɔmpɛ sɛ ohu bɔneyɛ ho agyinatu, saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ, ne guankɔbea bɛyɛ bepɔw aban no. Wɔde nʼaduan bɛma no na ne nsu remmɔ no. (Yesaia 33:15-16)