Abotɔyam yɛsua/Awurade na ɔde ma
Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me efisɛ me suahu nti, tebea biara a mekɔ mu no nhaw me. Minim ohia, nim ahonya; masua saa ahintasɛm yi, enti baabiara ne bere biara, sɛ ɔkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakraa bi no, mepɛ no saa ara. Ahoɔden a Kristo de ma me no nti mitumi gyina tebea biara ano. (Filipifo 4:11-13)
Ma w'ani nsɔ/nnwinnwen, efisɛ Awurade ne yɛn Ɔmaefo
“Eyi nti na mitu mo fo se, munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura. Monhwɛ wim nnomaa, wonnua aba na wontwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduan di. Monnsom bo nsen wɔn ana? Mo mu hena na ɔdwene a adwennwene no betumi ato ne nkwa nna so simmasin mpo? “Adɛn nti na mudwinnwen ntama ho? Monhwɛ afifide bi sɛ wuram nhwiren, wɔnnwene ntama ho. Nanso Salomo ahonya ne nʼanuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnu wuram nhwiren yi. Na sɛ Onyankopɔn tumi fura afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena enni hɔ ntama a, mo a mo gyidi sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo nea ehia mo? Enti munnnwinnwen nea mubedi, nea mobɛnom anaasɛ nea mubefura ho. Na wɔn a wonni gyidi no na bere biara wodwen saa nneɛma no ho. Na mo de, mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nim sɛ eyinom nyinaa ho hia mo. Enti monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan, na ɔde nea ehia mo nyinaa bɛka mo ho. Enti munnnwinnwen ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de nea ehia mo no bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm. (Mateo 6:25-34)
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura. Monhwɛ kwaakwaadabi, wonnua aba na wontwa. Saa ara nso na wonni pata a wɔde wɔn nnɔbae sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduan di. Monsom bo nsen wɔn ana? Mo mu hena na ɔdwene a adwennwene no betumi ato ne nkwa nna so simmasin? Na sɛ muntumi nyɛ ade ketewaa a ɛte sɛɛ mpo a, adɛn na mudwinnwen nneɛma akɛse ho? “Monhwɛ sɛnea sukooko nyin. Wɔnyɛ adwuma, na wɔnnwen ntama mfura. Nanso Salomo ahonya ne nʼanuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnu wuram nhwiren yi. Mo a mo gyidi hinhim, sɛ Onyankopɔn siesie wuram nhwiren a efifi nnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ fɛ a, adɛn nti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ fɛ. Saa ara nso na munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom ho. Saa nneɛma yi na wiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo de, mo Agya nim sɛ eyinom nyinaa ho hia mo. Enti monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni kan na ɔde eyinom nyinaa bɛma mo. (Luka 12:22-31)
Munyi sikanibere mfi mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ nea mo nsa ka. Efisɛ Onyankopɔn aka se, “Merennyaw wo, na merempo wo da.” Momma yensi yɛn bo nka se, “Awurade ne me boafo, enti merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?” (Hebrifo 13:5-6)
Ma w'ani nsɔ bere a nea ehia wo ankasa wɔ hɔ
Ɛno nti sɛ yɛwɔ aduan ne ntama a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn. (1 Timoteo 6:8)
Ma w'akatua nsɔ w'ani
Asraafo bi nso bisae se, “Yɛn nso yɛnyɛ dɛn?” Yohane buaa wɔn se, “Mommmɔ apoo, monntoto obiara ano, momma mo akatua nsɔ mo ani!” (Luka 3:14)
Abotɔyam fi pɛ a yɛpɛ Kristo no mu kɛse
Hena na mewɔ wɔ ɔsoro ka wo ho? Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho. (Nnwom 73:25)
Abotɔyam ne nyamesom de mfaso kɛse ba
Onyamesom pa a abodwo wɔ mu yɛ adenya kɛse. (1 Timoteo 6:6)
Ɔbea a ɔbɔ adwaman kunu ani rensɔ da
Ɔrennye mpata biara; na ɔbɛpo adanmude, sɛ ɛso sɛ dɛn mpo a. (Mmebusɛm 6:35)